Add parallel Print Page Options

Ayeyi mpaebɔ

27 Awurade ne me hann ne me nkwagye; merensuro obiara. Awurade bɔ me ho ban fi amane mu ɛno nti, merensuro da. Sɛ nnebɔneyɛfo toa me pɛ sɛ wokum me a, wohintiw, hwe ase. Sɛ asraafodɔm mpo twa me ho hyia a, merensuro da; sɛ atamfo ba me so a, mede me ho bɛto Onyankopɔn so ara.

Ade baako na mabisa Awurade; ade baako na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fi me nkwa nna nyinaa, na mahu n’anwonwade nyinaa, na mabisa n’akwankyerɛ. Ɔhaw mu, ɔbɛma me guankɔbea; ɔbɛhwɛ me so wɔ ne fi na wabɔ me ho ban ɔbotan a ɛkorɔn so. Enti medi m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia so nkonim. Mede anigye bɛbɔ no afɔre wɔ ne fi. Mɛto dwom; mɛkamfo Awurade. Awurade, sɛ mefrɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so! Wokae se, “Bra na bɛsom me.” Mibuae se, “Mɛba, Awurade.” Mfa wo ho nhintaw me. Mma wo bo mmfuw me; mpam wo somfo. Woayɛ me boafo; nnyaw me hɔ; nkɔ nnya me, O Onyankopɔn, m’agyenkwa. 10 M’agya ne me na begyaw me hɔ, nanso Awurade bɛhwɛ me.

11 Kyerɛ me, Awurade, nea wopɛ sɛ meyɛ, na di m’anim kyerɛ me kwan pa efisɛ, m’atamfo dɔɔso. 12 Nnyaw me mma m’atamfo, wɔn a wɔde atoro ne ahunahuna ba me so no.

13 Minim sɛ mɛtena ase ahu Awurade papayɛ wɔ asetena yi mu.

14 Fa wo ho to Awurade so. Nya gyidi. Mpa abaw. Fa wo ho to Awurade so.