Add parallel Print Page Options

Nea Onyankopɔn hwehwɛ

15 Awurade, hena na ɔbɛkɔ w’asɔrefi? Hena na ɔbɛsom wɔ Sion, wo bepɔw kronkron no so?

Onipa a otie Onyankopɔn wɔ biribiara mu no, na daa ɔyɛ ade trenee, na ne nsɛm yɛ nokware, na ommu afoforo abomfiaa. Ɔnyɛ n’afɛfo bɔne na onni wɔn ho nseku. Obu wɔn a Onyankopɔn apa wɔn no animtiaa, na odi wɔn a wotie Awurade no ni. Ɔkwan biara so, odi ne bɔhyɛ so. Ɔma bosea a, onnye mfantom na wontumi nhyɛ n’afonom sɛ onni adansekurum. Nea ɔyɛ eyinom no tim hɔ daa.