Add parallel Print Page Options

Kamfo Agyenkwa Nyankopɔn

146 Kamfo Awurade! Me kra, kamfo Awurade! Meda so te ase yi, mɛkamfo no. Mɛto me Nyankopɔn dwom me nkwa nna nyinaa.

Mommfa mo ho nnto ahemfo so efisɛ, onipa rentumi nnye wo. Sɛ wowu a, wɔsan kɔ mfutuma mu; saa da no wɔn nsusuwii nyinaa ba n’awiei. Nhyira nka nea ɔwɔ Yakob Nyankopɔn sɛ ne boafo, na ɔde ne ho to n’awurade ne ne Nyankopɔn, nea ɔbɔɔ soro, asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa no so no. Odi ne bɔhyɛ so daa. Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn nso aduan. Awurade gyaa nneduafo na ɔma anifuraefo hu ade. Ɔma wɔn a wɔahwe ase so. Ɔdɔ n’atreneefo. Ɔbɔ ahɔho a wɔte yɛn asase so ho ban. Ɔboa akunafo ne nyisaa na mmom ɔsɛe amumɔyɛfo nsusuwii.

10 Awurade yɛ ɔhene daa daa. Wo Nyankopɔn, O Sion, bedi hene daa nyinaa. Kamfo Awurade.