Add parallel Print Page Options

Ɔhene da Onyankopɔn ase nkonimdi ho

144 Kamfo Awurade, me hwɛfo! Ɔkyerɛkyerɛ me, siesie me ma ɔko. Ɔyɛ me hwɛfo, me guankɔbea ne m’agyenkwa a mede me ho to ne so. Ɔbrɛ aman a wɔhyɛ m’ase no ase.

Awurade, dɛn ne onipa a wuhu no yi? Onipa teta a w’ani ku ne ho? Ɔte sɛ mframa mu tutuw; ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwam. O Awurade, pae ɔsoro mu na sian bra fam. Fa wo nsa ka mmepɔw na ebefi wusiw. Ma anyinam mpaapae na bɔ w’atamfo hwete; tow w’agyan na wonguan.

Fi soro sian. Yi me fi subon mu na gye me. Gye me fi ananafo tumi ase, wɔn a wɔnka nokware na mpo wotwa atoro wɔ ntanka akyi no.

Mɛto dwom foforo ama wo, O Onyankopɔn; mɛbɔ sanku na mato dwom mama wo. 10 Ma ahene nni nkonim na gye wo somfo Dawid. 11 Gye me fi m’atamfo atirimɔdenfo nsam; gye me fi ananafo tumi ase; wɔn a wɔnka nokware na mpo wotwa atoro wɔ ntanka akyi no.

12 Ma yɛn mma mmarima nnyin wɔ wɔn mmabun mu sɛ afifide a enyin ahoɔden so no. Ma yɛn mma mma nyɛ sɛ ɔman adum a wɔde asiesie ahemfi twea so. 13 Ma yɛmfa afude nyinaa bi nhyɛ pata so ma. Ma yɛn nguan nwo mpempem. 14 Ma yɛn anantwi nwo bebree a wɔmpɔn na wɔn mu bi nso nyera. Mma osu ne awerɛhow mma yɛn aborɔn so. 15 Nhyira nka ɔman a ɛbɛba mu saa ama no. Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade!