Add parallel Print Page Options

Nnipa amumɔyɛ

14 Nkwaseafo ka wɔ wɔn koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔn nyinaa yɛ atorofo na wɔayɛ bɔne akɛseakɛse; na wɔn mu baako mpo nyɛ papa.

Awurade wɔ soro hwɛ adasamma mu sɛ obehu onyansafo a ɔsom no wɔ wɔn mu anaa. Nanso wɔn nyinaa afom; wɔn nyinaa bɔne yɛ pɛ. Wɔn mu baako mpo nyɛ nea ɛteɛ; ɔbaako mpo nni hɔ. Awurade bisa se, “Enti wonnim? Saa nnebɔneyɛfo yi kyerɛ sɛ wonnim nea wɔreyɛ? Wɔbɔ me nkurɔfo korɔn na wɔtena ase nanso wɔmfɛre me.”

Nanso wɔbɛbɔ wɔn hu efisɛ, Onyankopɔn te wɔn a wotie no mu. Nnebɔneyɛfo sɛe ɔhobrɛasefo nhyehyɛe, nanso Awurade ne ne guankɔbea. Mebɔ mpae sɛ, nkonim befi Sion aba Israel. Sɛ Awurade bɛsan agye Israel bio a, anka wɔn ani begye yiye.