Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn nyansa ne ne hwɛ

139 Awurade, woahwehwɛ me mu na woahu me. Wunim biribiara a meyɛ; wuhu me nsusuwii nyinaa fi akyirikyiri. Sɛ mereyɛ adwuma a, wuhu; sɛ merehome nso a, saa ara. Wunim m’ahokeka nyinaa. Ansa na mebue m’ano akasa no, na wunim asɛm a mɛka. Woatwa me ho ahyia. Wonam wo tumi so bɔ me ho ban.

Me ho adwene a wowɔ no du akyiri. Ɛboro m’adwene so. Ɛhe na metumi aguan wo mafa? Ɛhe na metumi aguan afi w’anim mafa? Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wo ni! Sɛ mefa adekyee ntaban mitu mekɔtena po akyi nohɔ a, 10 ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me na wo nifa beso me mu. 11 Na sɛ mise, esum nko mmɛkata me so na me ho hann nnan sum a, 12 esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo hran sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ.

13 M’akwaa nyinaa wo na wobɔe; wokekaa me sisii anim wɔ me na yam. 14 Mekamfo wo efisɛ, ɛsɛ sɛ wosuro wo; nea woyɛ nyinaa yɛ hu na ɛyɛ nwonwa. Minim ne nyinaa wɔ me koma mu. 15 Bere a wɔreyɛ me nnompe no wɔkeka sisii anim brɛoo wɔ me na yafunu mu. Bere a merenyin dinn wɔ hɔ no, na wunim sɛ mewɔ hɔ; 16 wuhuu me ansa na wɔrewo me. Nna dodow a woatwa ama me no, ansa na ɛrebefiti ase no, na woakyerɛw wɔ wo nhoma mu dedaw.

17 O Onyankopɔn, ɛyɛ den sɛ mehu wo nsusuwii; sɛ ne dodow yɛ ahe! 18 Sɛ mise mɛkan a, ne dodow bɛboro mpoano anhwea. Mesɔre a, meda so ne wo wɔ hɔ.

19 O Onyankopɔn, me pɛ ne sɛ anka wubekum amumɔyɛfo! Me pɛ ne sɛ basabasayɛfo begyaa me haw! 20 Wɔka amumɔyɛsɛm fa wo ho; wɔka bɔne fa wo din ho. 21 O Awurade, mikyi wɔn a wokyi wo na mimmu wɔn a wɔsɔre tia wo no nso. 22 Mikyi wɔn kɔkɔɔkɔ; mefa wɔn sɛ m’atamfo.

23 Hwehwɛ me mu, O Onyankopɔn, na hu m’adwene; sɔ me hwɛ na hu m’adwene. 24 Na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!