Add parallel Print Page Options

Aseda mpaebɔ

138 Awurade, mifi me koma nyinaa mu meda wo ase. Meto wo ayeyi dwom wɔ anyame no anim. M’ani kyerɛ wo fi kronkron no, kotow, kamfo wo din esiane wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no ne wo nokware nti, efisɛ woada no adi sɛ, wo din ne w’ahyɛde yɛ tumi. Bere a mefrɛɛ wo no, wubuaa me; wonam w’ahoɔden so hyɛɛ me den. Ahene a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkamfo wo, Awurade efisɛ, wɔate wo bɔhyɛ no. Wɔbɛto nea woayɛ ne w’anuonyam kɛse no ho dwom. Ɛwom sɛ wokorɔn de, nanso wohwɛ wɔn a wɔwɔ fam pɛɛ no na ahantanfo rentumi mfa wɔn ho nhintaw wo. Sɛ ɔhaw twa me ho hyia a, wugye me. Woko tia m’atamfo a wɔn bo afuw no, na wonam wo tumi so gye me. Ɛbɔ biara a woahyɛ no, wubedi so; Awurade, wo dɔ wɔ hɔ daa.Wie adwuma a wafi ase no.