Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

13 Awurade, wo werɛ befi me akosi da bɛn? Daa nyinaa anaa? Wubehintaw wo ho afi me ho akosi da bɛn? Mentena ɔhaw mu nkosi da bɛn? Awerɛhow nhyɛ me koma ma awia ne anadwo nkosi da bɛn? M’atamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn? O Awurade, me Nyankopɔn, tew w’ani hwɛ me na bua me. Ma me ahoɔden; mma me nnwu. Mma m’atamfo nka se, “Yɛadi ne so nkonim.” Mma wɔn ani nnnye m’asehwe ho.

Mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so. M’ani begye efisɛ, wubegye me nkwa. O Awurade, mɛto dwom ama wo efisɛ, woayɛ me adɔe.