Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ayamye ho nkamfo

127 Sɛ Awurade ansi dan no a, adansifo no adwuma a wɔyɛ wɔ ho no yɛ ɔkwa; sɛ Awurade ammɔ kurow no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa. Sɛ w’asetena nti, woyeyere wo ho yɛ adwuma a, wosɔre anɔpa na wɔkɔda anadwo kɔnkɔn a, ɛyɛ ɔkwa. Efisɛ, wɔn a wɔdɔ Awurade no, sɛ wɔadeda koraa a, ɔma wɔn nea ɛho hia wɔn.

Mma yɛ Awurade akyɛde; wɔyɛ nhyira. Mma a onipa wɔ wɔ ne mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. Nhyira nka obi a ɔwɔ saa agyan no bebree. Sɛ odu atemmubea hɔ na ohyia n’atamfo a, obi rentumi nni ne so da.