Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

120 Bere a mewɔ ɔhaw mu no, mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so.

Awurade, gye me fi atorofo ne nnaadaafo nsam. Mo atorofo, munim nea Onyankopɔn bɛyɛ mo? Munim asotwe a ɔbɛtwe mo? Ɔde asraafo agyan a ano yɛ hwirenhwiren ne gyabiriw a adɔ kɔɔ!

Mo mu tena yɛ tan sɛ Mesek ne Kedar tena. Me ne wɔn a wokyi asomdwoe atena akyɛ! Meka asomdwoe ho asɛm a, wɔpere ɔko.