Add parallel Print Page Options

Nkonimdi ho mpaebɔ

118 Da Awurade ase efisɛ, oye na n’adɔe nso wɔ hɔ daa.

Nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa nka se, “N’adɔe wɔ hɔ daa.” Onyankopɔn asɔfo nyinaa nka se, “N’adɔe wɔ hɔ daa.” Wɔn a wɔsom no nyinaa nka se, “N’dɔe wɔ hɔ daa.”

M’amanehunu mu, mefrɛɛ Awurade; ogyee me so ma medee me ho. Awurade ne me wɔ hɔ enti minsuro biribiara. Dɛn na obi betumi ayɛ me? Awurade na ɔboa me na mɛhwɛ sɛ wobedi m’atamfo so.

Awurade mu ahotoso ye sen nnipa mu ahotoso. Awurade mu ahotoso ye sen mpanyimfo mu ahotoso.

10 Atamfo pii twaa me ho hyiae, nanso Awurade tumi nti, mesɛee wɔn nyinaa. 11 Baabiara na wɔatwa me ho ahyia nanso Awurade tumi nti, mesɛee wɔn nyinaa. 12 Wɔbɛkyere guu me so sɛ nnowa nanso wɔhyewee ntɛm so sɛnea ogya atɔ nsɔe mu; Awurade tumi nti, mesɛee wɔn. 13 Wɔbaa me so ahoɔden so a na wɔredi me so nanso Awurade boaa me. 14 Awurade maa me tumi ne ahoɔden; wagye me nkwa. 15 Muntie sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ ne ntamadan mu reteɛm anigye ne nkonimdi so se, “Awurade ahoɔden tumi no na ayɛ. 16 Ne tumi abrɛ yɛn nkonim, n’ahoɔden tumi wɔ ɔko mu no!” 17 Merenwu; mmom mɛtena ase na mapae mu aka nea Awurade ayɛ. 18 Watwe m’aso dennen de, nanso wamma manwu.

19 Bue Fie hɔ pon ma me, na mɛkɔ mu akɔda Awurade ase. 20 Awurade pon ni; atreneefo nko ara na wotumi ba mu. 21 Mekamfo wo, Awurade, efisɛ, wotee me nka, efisɛ, woama me nkonimdi.

22 Ɔbo a adansifo poe sɛ ɛho nni mfaso no, na ɛho baa mfaso koraa. 23 Awurade na ɔyɛɛ eyi. Ɛyɛ nwonwa aniso! 24 Ɛnnɛ yɛ Awurade nkonim da. Momma yɛn ani nnye. Momma yenni da no. 25 Gye yɛn nkwa, Awurade, gye yɛn nkwa! Ma yenni nkonim, O Awurade! 26 Awurade nhyira obiara a ɔba Awurade din mu. Yehyira mo fi Awurade fi.

27 Awurade yɛ Onyankopɔn. Wayɛ yɛn adɔe. Nnubaa kitakita mo yi, mumfiti afahyɛ no ase na muntwa afɔremuka no ho nhyia. 28 Woyɛ me Nyankopɔn na meda wo ase. Mɛpae mu maka wo kɛseyɛ. 29 Da Awurade ase efisɛ, oye na n’adɔe wɔ hɔ daa.