Add parallel Print Page Options

Obi a wɔagye no afi owu mu nkamfo

116 Medɔ Awurade efisɛ, otie me. Otie me mpaebɔ. Bere biara a mefrɛ no no, ogye me so.

Owu hama kyekyeree me na damoa ho ahometew twiw bɛn me. Ɛma mebɔɔ hu. Na mefrɛɛ Awurade se, “Mesrɛ wo, Awurade, gye me nkwa!” Awurade hu mmɔbɔ na oye; yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo. Awurade bɔ wɔn a wonni bi ho ban. Bere a mewɔ ɔhaw mu no, ogyee me. Nya gyidi, me koma, efisɛ, Awurade ayɛ me yiye. Awurade gyee me fii owu mu; otwaa me nusu so na wamma manni nkogu. Enti menam Awurade anim wɔ ateasefo mu.

10 Sɛ ɛba sɛ meka se, “Wabubu me koraa” a, mekɔ so gye no di. 11 Me suro mu, sɛ meka se, “Obi nni hɔ a yɛde yɛn ho to no so” koraa a, mekɔ so gye no di. 12 Awurade papa a wayɛ me yi akyi, dɛn na metumi de ama no? 13 Mede nsa aseda bɛma Awurade sɛ wagye me nkwa. 14 Ne nkurɔfo aguabɔ ase na mede nea mede hyɛɛ no bɔ no bɛma no. 15 Sɛ Awurade nkurɔfo no bi wu a, ɛyɛ no yaw yiye.

16 Meyɛ wo somfo, Awurade. Mesom wo sɛnea me na yɛe. Woagye me afi owu mu. 17 Mede aseda bɛbɔ wo afɔre na mabɔ wo mpae. 18 Sɛ wo nkurɔfo nyinaa bɔ gua wɔ wo fi wɔ Yerusalem Kronkron mu Kronkron mu hɔ a, 19 mede nea mahyɛ wo ho bɔ no bɛma wo. Kamfo Awurade!