Add parallel Print Page Options

Awurade nkamfo

113 Kamfo Awurade! Mo Awurade asomfo, monkamfo ne din! Wɔbɛkamfo ne din nnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo Awurade din mfi apui nkosi atɔe. Awurade di aman nyinaa so; n’anuonyam boro ɔsoro so.

Obiara nni hɔ a ɔsɛ Awurade yɛn Nyankopɔn. Ɔte soro soro nanso ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsoro ne asase so. Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu. Oyi ahiafo fi wɔn hia mu ma wɔbɛyɛ ahene mmabarima a wɔfra ne nkurɔfo mu nnamfo. Odi obonini ni wɔ ne fi ma ɔwo mma ma n’ani gye. Kamfo Awurade!