Add parallel Print Page Options

Onipa pa ahotɔ

112 Kamfo Awurade! Nhyira nka nea odi Awurade ni, na ɔde anigye di ne mmara so.

Onipa pa mma benya tumi wɔ asase no so; wobehyira n’asefo. N’abusuafo bɛyɛ adefo na wobedi yiye daa nyinaa. Hann pue esum mu ma nnipa pa, wɔn a wɔyɛ ahummɔbɔ, atimmɔbɔ na wɔyɛ nokwafo no. Nhyira nka obi a ne tirim yɛ mmerɛw wɔ bosea a ɔbɔ ho na ɔyɛ n’adwuma nokware mu. Onipa pa ho nka mu da; wɔbɛkae no daa. Ne gyidi mu yɛ den na ɔde ne ho to Awurade so. Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; ne gyidi mu yɛ den na ɔde ne ho to Awurade so. Biribiara nhaw no na onsuro. Onim pefee sɛ obedi n’atamfo so nkonim. Ne nsam yɛ mmerɛw wɔ ahiafo so na n’ayamye to ntwa da. Obenya tumi na wɔadi no ni. 10 Amumɔyɛfo hu eyi na wɔn bo fuw; wɔhwɛ no ɔtan so na wɔyera. Wɔn anidaso yera kora kora.