Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ne ne nkurɔfo

105 Monna Awurade ase; monna ne kɛseyɛ adi. Ka nea wayɛ kyerɛ aman. Monto ayeyi nnwom mma Awurade! Monka anwonwade a wayɛ no nkyerɛ. Momma mo ani nnye sɛ yɛyɛ ne de. Momma wɔn a wɔsom no no nyinaa ho nsɛpɛw wɔn. Monkɔ Awurade nkyɛn na ɔmmoa mo na monkɔ so nsom na daa.

Mo Abraham asefo, n’asomfo; mo Yakob asefo, ɔbarima a oyii no, monkae anwonwade a Onyankopɔn yɛe ne atɛn a obui. Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn. Ne mmara wɔ hɔ ma wiase nyinaa. Obedi n’apam so daa daa ne ne bɔhyɛ so kosi nkyirimma mpempem so. Obedi apam a ɔne Abraham pamee no ne bɔ a ɔhyɛɛ Isak no so. 10 Awurade ne Yakob yɛɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa daa. 11 Ɔkae se, “Mede Kanaan asase no bɛma wo na ɛbɛyɛ wo de.” 12 Na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Kanaan no sua, na na wɔyɛ amamfrafo nso. 13 Wofi aman so kɔɔ aman so; fi ahemman mu kɔɔ ahemman mu. 14 Nanso Onyankopɔn amma obi anhyɛ wɔn so; ɔbɔɔ ahene no kɔkɔ sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban. Ɔkae se, 15 “Monnhaw m’asomfo a mayi wɔn; mommfa mo nsa nnka m’adiyifo.”

16 Awurade maa ɔkɔm kɛse bae wɔn man mu hɔ, na ɔfaa wɔn nnuan nyinaa. 17 Nanso ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim; Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no. 18 Woguu ne nan nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔde ne kɔn hyɛɛ dabedan mu, 19 kosii sɛ nea ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu. Awurade asɛm daa n’asɛm no mu nokware adi. 20 Afei Misraimhene ma wogyaa no; aman so hene gyaa no. 21 Ɔde no fraa n’amammufo mu yɛɛ no asase no nyinaa so panyin, 22 a na odi ɔhene no mpanyimfo nyinaa so, na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ n’afotufo no nea wɔnyɛ.

23 Afei, Yakob kɔɔ Misraim kɔtenaa ɔman no mu. 24 Awurade maa ne nkurɔfo woo mma bebree na ɔyɛɛ wɔn den sen wɔn atamfo. 25 Ɔmaa Misraimfo no tanee ne nkurɔfo ani na wosisii n’asomfo no.

26 Afei ɔsomaa ne somfo Mose ne Aaron a wayi wɔn no. 27 Wɔyɛɛ Onyankopɔn tumidwuma yɛɛ anwonwade wɔ Misraim. 28 Onyankopɔn maa sum durui ɔman no mu, nanso Misraimfo no antie ne mmara no. 29 Ɔmaa wɔn nsu nyinaa danee mogya, kum mu mpataa nyinaa. 30 Mpɔtorɔ bu faa ɔman no so kosii sɛ ahemfi hɔ nyinaa danee mpɔtorɔ. 31 Onyankopɔn hyɛe maa nwansena ne ntontom baa ɔman no mu bɔrebɔre. 32 Ɔmaa asukɔtwea ne anyinam danee nsu tɔe wɔ asase no so, 33 sɛee wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma bubuu nnua nyinaa gui. 34 Ɔhyɛe maa mmoadabi bae wɔn dodow mu 35 bɛsɛee asase no so mfumduan nyinaa.

36 Okum Misraimfo mmarima a wɔyɛ mmakan nyinaa. 37 Afei odii Israelfo no anim de wɔn puei. Wɔsoaa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a na wɔn nyinaa wɔ apɔwmuden ne ahoɔden. 38 Na Misraimfo no suro wɔn nti, wotu fii hɔ no, wɔn ani gyei.

39 Onyankopɔn maa omununkum kataa ne nkurɔfo so, na ogya maa wɔn hann de kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. 40 Wobisae na ɔmaa wɔn mmoko. Ɔmaa aduan fi soro bae na wodi mee. 41 Obuee ɔbotan mu maa nsu fii mu bae ma ɛfaa sare no so nyinaa sɛ asubɔnten. 42 Ɔkaee bɔ kronkron bi a ɔhyɛɛ Abraham no.

43 Enti odii ne nkurɔfo no anim de wɔn puei, na wɔtoo nnwom teɛteɛɛm ahosɛpɛw so. 44 Ɔde nnipa foforo bi nsase maa wɔn ma wɔfaa wɔn mfuw no. 45 Sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo bedi ne mmara ne n’ahyɛde nyinaa so.