Add parallel Print Page Options

Ɔhene bɔhyɛ

101 Me dwom yi fa nokware ne trenee ho, na meto ma wo, Awurade.

Me suban bɛyɛ pɛ. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mɛtena ase kronn wɔ me fi, na meremma bɔne kwan. Mekyi wɔn a wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho no. Me ne wɔn nni biribiara yɛ. Merenni atoro na me ne bɔne nnya biribiara nyɛ. Mɛtwe me ho afi obi a odi ne yɔnko ho nseku no ho. Na me ne onipa a ɔyɛ ahantan ne atutupɛ remmɔ. Megye wɔn a wodi Onyankopɔn nokware atom na me ne wɔn atena m’ahemfi. Wɔn a wodi nokware pa ara no na mɛma wɔasom me. Ɔtorofo biara rentena m’ahemfi. Na nyaatwomni biara nso remma m’anim. Adekyee biara, mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so, na mapam nnebɔneyɛfo afi Awurade kurow mu.