Add parallel Print Page Options

Atemmu ho mpaebɔ

10 O Awurade, adɛn nti na wowɔ akyirikyiri saa? Adɛn nti na wuhintaw wo ho mmere a yɛrehu amane? Nnebɔneyɛfo yɛ ahantan na wɔtane mmɔborɔfo ani. Kyere wɔn wɔ wɔn mfiri a wɔasunsum mu. Ɔdebɔneyɛfo ani gye ne bɔne ho; oniberefo dome Awurade na ɔpo no.

Ɔdebɔneyɛfo mmu Awurade; n’ahantan mu, odwen sɛ Onyankopɔn ho nhia. Ɔdebɔneyɛfo di nkonim wɔ biribiara mu. Ɔnte Onyankopɔn atemmu ase. Ɔserew n’atamfo. Ɔka kyerɛ ne ho se, “Merenni nkogu da; merentɔ ɔhaw mu da.”

Ne kasa yɛ nnome, atoro ne ahunahuna. Ɔtan ne bɔne wɔ ne kasa mu. Ɔhintaw ne ho wɔ nkuraase pɛ sɛ okum atreneefo. Ɔtetɛw n’atamfo a wonni obi. Ɔtwɛn wɔ kokoam te sɛ gyata. Ɔda hɔ twɛn mmɔborɔfo. Ɔkyere wɔn n’afiri mu twe wɔn ase de wɔn kɔ. 10 Ɔde n’ahoɔden dodow no kyere ɔkrabirifo ka no hyɛ. 11 Ɔdebɔneyɛfo no ka kyerɛ ne ho se, “Ɛmfa Onyankopɔn ho! Wabu n’ani agu so, na ɔrenhu me da!”

12 O Awurade, twe saa nne- bɔneyɛfo no aso! Kae amanehunufo. 13 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo tia Onyankopɔn na ɔka kyerɛ ne ho se, “Ɔrentwe m’aso?” 14 Nanso, wuhu; wuhu ɔhaw ne amanehunu na woasiesie wo ho sɛ wobɛboa. Onibie de ne ho hyɛ wo nsa. Woboa mmɔborɔfo daa. 15 Bubu nnebɔneyɛfo tumi wɔ wɔn bɔne mu. Twe wɔn aso wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ no ho kosi sɛ wobegyae yɛ.

16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa. Wɔn a wɔsom anyame foforo no bɛyera n’asase so.

17 O Awurade, wubetie awiɛmfo mpaebɔ; wobɛhyɛ wɔn nkuran. 18 Wubetie mmɔborɔfo ne nyisaa su, na woabu wɔn bem sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdasani renhunuhuna wɔn bio.