Nnwom 85
Nkwa Asem
Ɔman yiyedi mpaebɔ
85 Awurade, woahu wo asase mmɔbɔ; woama Israel adi yiye bio. 2 Wode wo nkurɔfo bɔne nyinaa akyɛ wɔn. 3 Wugyaee w’abufuw a wode kɔɔ wɔn so no.
4 Fa yɛn san bra, O Onyankopɔn, yɛn agyenkwa na gyae sɔ a w’ani nsɔ yɛn no! 5 Wo bo befuw yɛn akosi daa nyinaa? W’abufuw to rentwa da? 6 Hyɛ yɛn den bio, na yɛn, wo nkurɔfo, bɛkamfo wo. 7 Dɔ yɛn daa, O Awurade, na gye yɛn nkwa, boa yɛn.
8 Meretie nea Awurade Nyankopɔn reka. Ɔhyɛɛ yɛn a yɛyɛ ɔno ara ne nkurɔfo no bɔ se, sɛ yɛannan amfa akwammɔne so a, 9 akyinnye biara nni ho sɛ wasiesie ne ho sɛ wɔn a wodi no ni no, obegye wɔn nkwa, na ne nkwagye no bɛtena yɛn asase no so.
10 Ɔdɔ ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoee ayɛ atuu. 11 Onipa nokware befi asase so akɔ soro, na Onyankopɔn trenee fi soro aba asase so. 12 Awurade bɛma yɛanya nkɔso, na yɛn asase anya nnɔbae bebree. 13 Atreneefo bedi Awurade anim asiesie ne kwan ama no.
Psalm 85
New International Version
Psalm 85[a]
For the director of music. Of the Sons of Korah. A psalm.
1 You, Lord, showed favor to your land;
you restored the fortunes(A) of Jacob.
2 You forgave(B) the iniquity(C) of your people
and covered all their sins.[b]
3 You set aside all your wrath(D)
and turned from your fierce anger.(E)
4 Restore(F) us again, God our Savior,(G)
and put away your displeasure toward us.
5 Will you be angry with us forever?(H)
Will you prolong your anger through all generations?
6 Will you not revive(I) us again,
that your people may rejoice(J) in you?
7 Show us your unfailing love,(K) Lord,
and grant us your salvation.(L)
8 I will listen to what God the Lord says;
he promises peace(M) to his people, his faithful servants—
but let them not turn to folly.(N)
9 Surely his salvation(O) is near those who fear him,
that his glory(P) may dwell in our land.
10 Love and faithfulness(Q) meet together;
righteousness(R) and peace kiss each other.
11 Faithfulness springs forth from the earth,
and righteousness(S) looks down from heaven.
12 The Lord will indeed give what is good,(T)
and our land will yield(U) its harvest.
13 Righteousness goes before him
and prepares the way for his steps.
Footnotes
- Psalm 85:1 In Hebrew texts 85:1-13 is numbered 85:2-14.
- Psalm 85:2 The Hebrew has Selah (a word of uncertain meaning) here.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.