Nnwom 75
Nkwa Asem
Ɔtemmufo Nyankopɔn
75 Yɛda wo ase, O Onyankopɔn, yɛda wo ase! Yɛda wo kɛseyɛ adi ka anwonwade a woayɛ. 2 Onyankopɔn ka se, “Mahyɛ bere a mede bebu atɛn na mebu atɛntrenee. 3 Ɛwom, abɔde biara ho popo na asase ankasa wosow nanso mɛma ne fapem ayɛ den.
4 “Meka kyerɛ amumɔyɛfo se, wɔnnyɛ ahantan. 5 Meka kyerɛ wɔn se wonnyae wɔn ahohoahoa no.” 6 Atemmu no remfi apuei anaa atɔe anaa atifi anaaa anafo. 7 Onyankopɔn ne ɔtemmufo no. Obebu ebinom fɔ na wagyaa ebinom nso. 8 Awurade kita kuruwa a n’abufuw nsa a ano yɛ den wɔ mu wɔ ne nsam. Ohwie gu ma amumɔyɛfo nyinaa nom. Wnom ne nyinaa a sɔpɛ koraa nka.
9 Nanso merennyae Yakob Nyankopɔn ho asɛnka da, na merennyae ayeyi dwom a meto ma no no nso da. 10 Obebubu amumɔyɛfo tumi mu, nanso ɔtreneeni tumi mu bɛhyɛ den.
Psalm 75
New International Version
Psalm 75[a]
For the director of music. To the tune of “Do Not Destroy.” A psalm of Asaph. A song.
1 We praise you, God,
we praise you, for your Name is near;(A)
people tell of your wonderful deeds.(B)
2 You say, “I choose the appointed time;(C)
it is I who judge with equity.(D)
3 When the earth and all its people quake,(E)
it is I who hold its pillars(F) firm.[b]
4 To the arrogant(G) I say, ‘Boast no more,’(H)
and to the wicked, ‘Do not lift up your horns.[c](I)
5 Do not lift your horns against heaven;
do not speak so defiantly.(J)’”
6 No one from the east or the west
or from the desert can exalt themselves.
7 It is God who judges:(K)
He brings one down, he exalts another.(L)
8 In the hand of the Lord is a cup
full of foaming wine mixed(M) with spices;
he pours it out, and all the wicked of the earth
drink it down to its very dregs.(N)
Footnotes
- Psalm 75:1 In Hebrew texts 75:1-10 is numbered 75:2-11.
- Psalm 75:3 The Hebrew has Selah (a word of uncertain meaning) here.
- Psalm 75:4 Horns here symbolize strength; also in verses 5 and 10.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.