Nnwom 73
Nkwa Asem
NKYƐM A ƐTO SO ABIƐSA
NNWOM 73-89
Onyankopɔn atɛntrenee
73 Onyankopɔn ye ma Israel ne wɔn a wɔn koma mu tew ampa ara. 2 Nanso anka mereyɛ apa abaw; me gyidi sae koraa, 3 efisɛ, sɛ mihu sɛ nneɛma rekɔ yiye ma ahantanfo ne amumɔyɛfo a, na m’ani abere. 4 Wonhu honam mu yaw; wosi pi si ta. 5 Wonhu amane sɛnea afoforo hu no. Ɔhaw nto wɔn sɛnea ɛto afoforo no. 6 Enti wɔhyɛ ahantan sɛ konmude, ne basabasa sɛ atade. 7 Wɔn koma hwie bɔne gu, na amumɔyɛ adwene ahyɛ wɔn adwene ma. 8 Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye. Wɔyɛ ahantan na wodwen ɔkwan a wɔbɛfa so ahyɛ wɔn so. 9 Wɔka bɔne fa Onyankopɔn a ɔte soro ho, na wɔahyɛ nnipa a wɔwɔ asase so ahantan so.
10 Ɛyɛ saa ma Onyankopɔn nkurɔfo dan kɔ wɔn afa, na wɔde ahopere gye wɔn nsɛm a wɔka biara di. 11 Wɔka se, “Onyankopɔn renhu. Ɔsorosoroni no renhwehwɛ mu da.” 12 Saa na amumɔyɛfo te. Wɔwɔ pii, na wonya pii ka ho. 13 Tew a matew me ho kronn a menyɛɛ bɔne biara no ho nni mfaso anaa? 14 O Onyankopɔn, woama mahu amane fi anɔpa kosi anwummere. Anɔpa biara wotwe m’aso. 15 Sɛ meka saa asɛm no bi a, anka merenyɛ sɛ wo nnipa no mu baako. 16 Midwen saa ɔhaw yi ho, nanso na ɛboro me so 17 kosii sɛ mekɔɔ wofi hɔ. Ɛhɔ na metee nea ɛbɛba amumɔyɛfo no so.
18 Wode wɔn begu baabi a ɛhɔ yɛ toro, na woama wɔahwe ase akɔ ɔsɛe mu! 19 Wɔsɛe wɔn prɛkopɛ na wɔn awiei ayɛ pasaa. 20 Wɔte sɛ ɔdae a etwam anɔpa; sɛ wosɔre a, O Awurade, wɔyera.
21 Bere a na m’adwene yɛ bɔne na me nkatede yɛ opira no, 22 na magyimi sɛ aboa; mante wo ase. 23 Nanso, na mete bɛn wo pɛɛ na wode wo nsa soo me mu. 24 Wonam w’akwankyerɛ so kyerɛɛ me kwan na ewiee akyiri no, woagye me anuonyam so. 25 Ɛdɛn na mewɔ wɔ soro ka wo ho? Manya wo yi, dɛn bio na mehwehwɛ wɔ asase so? 26 M’adwene ne me nipadua begugow nanso, Onyankopɔn ne m’ahoɔden. Ɔno na ne ho hia me daa.
27 Wɔn a wogyae wo no bɛyera. Wobɛsɛe wɔn a wonni no nokware.
28 Nanso me de, minim sɛ wobɛn Onyankopɔn na wopɛ ogye wɔ Otumfoɔ Awurade no nkyɛn na wopae mu ka nea wayɛ nyinaa a, ɛyɛ anwonwasɛm.
Psalm 73
New International Version
BOOK III
Psalms 73–89
Psalm 73
A psalm of Asaph.
1 Surely God is good to Israel,
to those who are pure in heart.(A)
2 But as for me, my feet had almost slipped;(B)
I had nearly lost my foothold.(C)
3 For I envied(D) the arrogant
when I saw the prosperity of the wicked.(E)
4 They have no struggles;
their bodies are healthy and strong.[a]
5 They are free(F) from common human burdens;
they are not plagued by human ills.
6 Therefore pride(G) is their necklace;(H)
they clothe themselves with violence.(I)
7 From their callous hearts(J) comes iniquity[b];
their evil imaginations have no limits.
8 They scoff, and speak with malice;(K)
with arrogance(L) they threaten oppression.(M)
9 Their mouths lay claim to heaven,
and their tongues take possession of the earth.
10 Therefore their people turn to them
and drink up waters in abundance.[c]
11 They say, “How would God know?
Does the Most High know anything?”
13 Surely in vain(P) I have kept my heart pure
and have washed my hands in innocence.(Q)
14 All day long I have been afflicted,(R)
and every morning brings new punishments.
15 If I had spoken out like that,
I would have betrayed your children.
16 When I tried to understand(S) all this,
it troubled me deeply
17 till I entered the sanctuary(T) of God;
then I understood their final destiny.(U)
18 Surely you place them on slippery ground;(V)
you cast them down to ruin.(W)
19 How suddenly(X) are they destroyed,
completely swept away(Y) by terrors!
20 They are like a dream(Z) when one awakes;(AA)
when you arise, Lord,
you will despise them as fantasies.(AB)
21 When my heart was grieved
and my spirit embittered,
22 I was senseless(AC) and ignorant;
I was a brute beast(AD) before you.
23 Yet I am always with you;
you hold me by my right hand.(AE)
24 You guide(AF) me with your counsel,(AG)
and afterward you will take me into glory.
25 Whom have I in heaven but you?(AH)
And earth has nothing I desire besides you.(AI)
26 My flesh and my heart(AJ) may fail,(AK)
but God is the strength(AL) of my heart
and my portion(AM) forever.
Footnotes
- Psalm 73:4 With a different word division of the Hebrew; Masoretic Text struggles at their death; / their bodies are healthy
- Psalm 73:7 Syriac (see also Septuagint); Hebrew Their eyes bulge with fat
- Psalm 73:10 The meaning of the Hebrew for this verse is uncertain.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.