Add parallel Print Page Options

Aseda dwom

67 Onyankopɔn, hu yɛn mmɔbɔ na hyira yɛn. Fa w’adɔe hwɛ yɛn, na ama wiase nyinaa ahu wo pɛ; na ama aman nyinaa ahu wo pɛ; na ama aman nyinaa ahu wo nkwagye. Ma adasamma nkamfo wo, O Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo! Ma aman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw nnwom efisɛ, wubuu nnipa atɛntrenee na wokyerɛɛ aman a ɛwɔ asase so kwan. Ma adasamma nkamfo wo, O, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo! Asase no abɔ n’aduan; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn. Onyankopɔn ahyira yɛn. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nhyɛ no anuonyam.