Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

35 Tia wɔn a wotia me, Awurade, na ko tia wɔn a wɔko tia me! Fa wo kyɛm ne wo nkatabo begye me. Ma wo peaw ne w’abonnua so tia wɔn a wɔtaa me. Ka kyerɛ me se wubegye me. Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, di wɔn so na gu wɔn anim ase! Na wɔn a wɔyɛ adwene tia me no ma wɔnsan wɔn akyi na wɔn adwene nyɛ basaa. Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bere a Awurade taa wɔn no! Ma wɔn akwan nnuru sum na emu nyɛ toro bere a Awurade bɔfo bɔ wɔn hwe fam no! Wosum me firi kwa na wotuu amoa tenten sɛ mentɔ mu. Nanso ansa na wobehu no na ɔsɛe akyere wɔn dedaw. Wɔn ara wɔn firi beyi wɔn na ɛde wɔn akɔ sɛe mu.

Na Awurade nti, m’ani begye; menya ahotɔ efisɛ, wagye me nkwa. 10 Mifi me koma nyinaa mu bɛka akyerɛ Awurade se, “Obi nte sɛ wo. Wobɔ ahoɔmmerɛwfo ho ban fi ahoɔdenfo ho, ɛnna wobɔ mmɔborɔfo nso ho ban fi asisifo ho.

11 Nnebɔneyɛfo di adanse tia me na wɔde bɔne a minnim ho hwee to me so. 12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka nam so ma mepa abaw. 13 Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa ayiasetam na mannidi nso; misii me ti ase bɔɔ mpae 14 sɛnea mɛbɔ mpae ama adamfo anaa onua bi. Mekɔɔ so twaa agyaadwo sɛ obi a ɔresu ne na. 15 Nanso ɔhaw too me no, wɔn nyinaa ani gyei, boaa wɔn ho ano, dii me ho fɛw. Amamfrafo hwee me, na wɔkɔɔ so hwee me ara. 16 Wɔhwɛɛ me ɔtan so te sɛ nnipa a wodi obubuafo ho fɛw.

17 Awurade, wobɛkɔ so ahwɛ wɔn saa ara akosi da bɛn? Gye me fi wɔn nsam. Gye me nkwa fi saa agyata yi nsam. 18 Na mɛda wo ase wɔ wo manfo anim. Mɛkamfo wo wɔ wɔn nyinaa anim.

19 Mma m’atamfo, saa atorofo no, nni me nkogu no ho ahurusi. Mma wɔn a wɔtan me kwa nni m’awerɛhow ho ahurusi. 20 Wɔnkasa sɛ nnamfo; na mmom wɔfa akwan horow so twa asomdwoepɛfo ho atoro. 21 Wɔteɛm ka to me so se, “Yehuu nea woyɛe no!” 22 Nanso wo, O Awurade, woahu eyi. Enti nyɛ komm, Awurade; ntew wo ho nkɔ akyiri!

23 Keka wo ho, O Awurade, na bɔ me ho ban. Sɔre, me Nyankopɔn, na ka ma me. 24 Woyɛ ɔtreneeni; O Awurade, enti bu me bem. Mma m’atamfo nni ahurusi wɔ m’amanehunu ho. 25 Mma wonnsise wɔn ho se, “Yɛapam no afi yɛn ho, na saa na na yɛrehwehwɛ!” 26 Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ m’amanehunu ho no nni nkogu koraa, na wɔn adwene nyɛ basabasa; ma aniwu ne animguase nka wɔn a wɔka se woye sen me no. 27 Ma wɔn a wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔagyaa me no nteɛteɛm ahosɛpɛw so se, “Awurade so! N’ani sɔ ne somfo nkonimdi.” 28 Na mɛpae mu maka wo treneeyɛ na mɛkamfo wo daa nyinaa.