Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn mu gyidi mpaebɔ

31 Mereba wo nkyɛn, Awurade, ama woabɔ me ho ban, na mma wonnni me so nkonim. Woyɛ Onyankopɔn treneeni. Mesrɛ wo sɛ gye me nkwa! Tie me! Gye me nkwa mprempren! Yɛ me guankɔbea na bɔ me ho ban na gye me nkwa. Woyɛ me guankɔbea ne me hwɛfo. Kyerɛ me kwan na di m’anim sɛnea woahyɛ me bɔ no. Gye me fi firi a wɔasum me no mu. Bɔ me ho ban fi amane mu. Mede me ho hyɛ wo hwɛ pa ase. Wubegye me nkwa, Awurade,woyɛ ɔnokwafo Nyankopɔn. Wukyi wɔn a wɔsom anyamehunu, enti mede me ho to wo so. M’ani begye na madi ahurusi esiane wo dɔ a wodɔ me daa nti. Wuhuu m’amanehunu; wunim me haw. Woamma m’atamfo ankyere me; woama mitumi kɔ baabiara a mepɛ.

Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ, mewɔ ɔhaw mu; masu ama m’ani yɛ me yaw; mabrɛ dodo. 10 Awerɛhow ama mahaw, na osu atew me nkwa nna so. Me haw ama mayɛ mmerɛw, na me nnompe mpo akisa. 11 M’atamfo nyinaa ne m’afɛfo titiriw bɔ me ahohora; nnipa a wonim me suro me. Sɛ wohu me wɔ kwan so a, woguan. 12 Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu. Mete sɛ biribi a wɔatow akyene. 13 Mete sɛ atamfo ka asomsɛm; ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me tiri so apɛ me akum me.

14 Nanso mede me ho ato wo so, O Awurade; woyɛ me Nyankopɔn. 15 Daa mehyɛ wo hwɛ ase. Gye me fi m’atamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.

16 Fa ayamye hwɛ wo somfo. Gye me nkwa wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu. 17 Mefrɛ wo se, Awurade, mma m’anim nngu ase. Mmom ma nnebɔneyɛfo anim ngu ase; ma wɔnkɔ asaman komm. 18 Bɔ atorofo ne ahantanfo ne wɔn a wɔka nsɛm tia atreneefo ano.

19 Nnepa a woakora ama wɔn a wɔhyɛ wo anuonyam no yɛ nwonwa. Obiara nim sɛ wo ye, na wobɔ wɔn a wɔde wɔn ho to wo so ho ban.

20 Wode wɔn sie w’anim dwoodwoo fi nnipa nsusuw bɔne ho. Woka wɔn hyɛ wo nwini ase yi wɔn fi atamfo kasatia mu. 21 Kamfo Awurade! Sɛ ɛba sɛ wɔatwa me ho ahyia aba me so no, ne dɔ a oyi no adi kyerɛ me no yɛ nwonwa.

22 Misuroe, na misusuwii sɛ wapam me afi n’anim. Nanso bere a misu frɛɛ no se ɔmmɛboa me no, ɔtee me su.

23 Mo a mugye Awurade di no nyinaa monnɔ no. Awurade bɔ nea ogye no di no ho ban, na ɔtwe ahantanfo aso sɛnea ɛfata wɔn. 24 Mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu no, monyɛ den. Mo bo nyɛ duru.