Add parallel Print Page Options

Dawid nkonimdi dwom

18 Sɛnea medɔ wo fa no, Awurade! Wone me gyefo. Awurade ne me gyefo; ɔno ne m’abankɛse. Me Nyankopɔn ne me guankɔbea; enti sɛ mewɔ ne nkyɛn a, bɔne renka me. Ɔbɔ me ho ban sɛ kyɛm. Ɔbɔ me ho ban de me sie dwoodwoo. Mefrɛ Awurade, na ogye me fi m’atamfo nsam. Monkamfo Awurade!

Owu guu me nkɔnsɔnkɔnsɔn. Ɔsɛe asorɔkye bɔ faa me so. Owu guu me nkɔnsɔnkɔnsɔn maa damoa sum me afiri.

Me haw mu, misu frɛɛ Awurade. Mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa. N’asɔrefi hɔ, ɔtee me nne. Otiee me sufrɛ boaa me. Afei asase wosowee biribiri. Mmepɔw fapem wosowee efisɛ, na Onyankopɔn bo afuw. Wusiw fii ne hwene mu. Na ogyaframa ne gyabiriw a ɛredɛw fii n’anom. Ɔpaee ɔsoro mu abien, na ɔnam mu baa fam a omununkum aduru ne nan ase sum. 10 Otuu ntɛm so wɔ abɔde bi ntaban so; ɔnam mframa ntaban so kɔe. 11 Ɔde sum kataa ne ho. Omununkum a ɛyɛ duru na nsu a ahyɛ ma twaa ne ho hyiae. 12 Asukɔtwea ne ogya dɛw fi aprannaa a edi n’anim no mu pae faa omununkum no mu.

13 Awurade paee aprannaa fi soro, na wɔtee Ɔsorosoroni no nne. 14 Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ n’atamfo hwetee; ɔpaee aprannaa ma woguanee. 15 Ɛpo no so daa hɔ na asase fapem so nso daa hɔ, bere a wokaa w’atamfo anim, Awurade, na wopɔɔ wɔn so abufuw mu no.

16 Awurade fi soro bae besoo me mu; ɔtwee me fii nsu a emu dɔ mu. 17 Ogyee me fi atamfo a wɔn ho yɛ hu ne wɔn a wɔtan me nsam efisɛ, na wɔyɛ den dodo ma me.

18 Bere a mewɔ ɔhaw mu, wɔbaa me so, nanso Awurade bɔɔ me ho ban. 19 Ogyee me fii amane mu. Ogyee me efisɛ, n’ani sɔɔ me. 20 Awurade tuaa me ka efisɛ, meyɛ nea ɛteɛ. Ohyiraa me efisɛ, menyɛ bɔne. 21 Madi Awurade mmara so. Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho. 22 Madi ne mmara nyinaa so. Menyɛɛ ne mmara ho asoɔden. 23 Onim sɛ mfomso nni me ho; onim sɛ menyɛ bɔne. 24 Ɛno nti, otua me ka efisɛ, meyɛ ade trenee; na onim nso sɛ menyɛ bɔne.

25 O Awurade, wudi nokware kyerɛ wɔn a wodi wo nokware, na wuye ma wɔn a wɔyɛ pɛ. 26 Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn, na wo bo fuw wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ. 27 Wugye ahobrɛasefo nkwa na wobrɛ ahantanfo ase. 28 O Awurade, woma me hann; wopam me sum. 29 Woma me ahoɔden de kɔ m’atamfo so, na wosan ma me tumi de di wɔn so.

30 Onyankopɔn, wo nneyɛe yɛ pɛ! Wo nsɛm nni huammɔ. Ɔte sɛ kyɛm ma wɔn a wɔpɛ ne hɔ guankɔbea. 31 Awurade no nko ne Onyankopɔn, na Onyankopɔn nko ne yɛn gyefo.

32 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔhyɛ me den na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo. 33 Ɔkyerɛ me nan kwan sɛ ɔforote. Ɔma me tena dwoodwoo wɔ mmepɔw mu. 34 Ɔkyerɛ me akodi sɛnea metumi de agyan a ɛyɛ den ako.

35 O Awurade, wobɔ me ho ban, gye me nkwa. Wo hwɛ ama mayɛ kɛse. Wo tumi agye me nkwa. 36 Woabɔ me ho ban afi ɔkyere mu na menhwee ase. 37 Metaa m’atamfo kyere wɔn. Menhome kosi sɛ mɛsɛe wɔn. 38 Mebɔ wɔn hwe fam na wontumi nsɔre. Wɔda hɔ nkogu mu wɔ m’anim. 39 Woma me ahoɔden de ko ɔko no ma midi m’atamfo so. 40 Woma m’atamfo guan fi me ho; mesɛe wɔn a wɔtan me. 41 Wosu pɛ mmoa nanso obi mmegye wɔn. Wɔfrɛ Awurade nanso ommua wɔn. 42 Meyam wɔn ma wɔyɛ sɛ mfutuma a mframa bɔ gu. Mitiatia wɔn so sɛ ɔkwan mu atɛkyɛ. 43 Wugyee me fii adɔnyɛfo nsam ma midii amanaman so; nnipa a minnim wɔn mpo abɛyɛ m’asomfo. 44 Amanfrafo kotow m’anim; wɔte me nne a, wotie m’asɛm. 45 Wɔn akokoduru sa na wofi wɔn abankɛse mu ba ahopopo so.

46 Awurade te ase! Kamfo me gyefo! Pae mu ka Onyankopɔn a ogye me nkwa no kɛseyɛ. 47 Ɔma midi m’atamfo so nkonim; ɔbrɛ aman a wɔhyɛ m’ase no ase. 48 Ogye me fi m’atamfo nsam. O Awurade, ma minni m’atamfo so nkonim, na bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam. 49 Ɛno nti, mekamfo wo wɔ aman so. Meto ayeyi dwom ma wo. 50 Onyankopɔn ma ne hene di nkonim akɛse; daa ɔda ne dɔ adi kyerɛ nea wayi no, Dawid ne n’asefo daa nyinaa.