Nnwom 146
Nkwa Asem
Kamfo Agyenkwa Nyankopɔn
146 Kamfo Awurade! Me kra, kamfo Awurade! 2 Meda so te ase yi, mɛkamfo no. Mɛto me Nyankopɔn dwom me nkwa nna nyinaa.
3 Mommfa mo ho nnto ahemfo so efisɛ, onipa rentumi nnye wo. 4 Sɛ wowu a, wɔsan kɔ mfutuma mu; saa da no wɔn nsusuwii nyinaa ba n’awiei. 5 Nhyira nka nea ɔwɔ Yakob Nyankopɔn sɛ ne boafo, na ɔde ne ho to n’awurade ne ne Nyankopɔn, 6 nea ɔbɔɔ soro, asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa no so no. Odi ne bɔhyɛ so daa. 7 Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn nso aduan. Awurade gyaa nneduafo 8 na ɔma anifuraefo hu ade. Ɔma wɔn a wɔahwe ase so. Ɔdɔ n’atreneefo. 9 Ɔbɔ ahɔho a wɔte yɛn asase so ho ban. Ɔboa akunafo ne nyisaa na mmom ɔsɛe amumɔyɛfo nsusuwii.
10 Awurade yɛ ɔhene daa daa. Wo Nyankopɔn, O Sion, bedi hene daa nyinaa. Kamfo Awurade.
Psalm 146
New International Version
Psalm 146
1 Praise the Lord.[a]
Praise the Lord,(A) my soul.
2 I will praise the Lord all my life;(B)
I will sing praise(C) to my God as long as I live.(D)
3 Do not put your trust in princes,(E)
in human beings,(F) who cannot save.
4 When their spirit departs, they return to the ground;(G)
on that very day their plans come to nothing.(H)
5 Blessed are those(I) whose help(J) is the God of Jacob,
whose hope is in the Lord their God.
6 He is the Maker of heaven(K) and earth,
the sea, and everything in them—
he remains faithful(L) forever.
7 He upholds(M) the cause of the oppressed(N)
and gives food to the hungry.(O)
The Lord sets prisoners free,(P)
8 the Lord gives sight(Q) to the blind,(R)
the Lord lifts up those who are bowed down,(S)
the Lord loves the righteous.(T)
9 The Lord watches over the foreigner(U)
and sustains the fatherless(V) and the widow,(W)
but he frustrates the ways of the wicked.
10 The Lord reigns(X) forever,
your God, O Zion, for all generations.
Praise the Lord.
Footnotes
- Psalm 146:1 Hebrew Hallelu Yah; also in verse 10
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.