Add parallel Print Page Options

Awurade mu gyidi

11 Mewɔ gyidi wɔ Awurade mu sɛ obegye me nkwa. Ɛnyɛ nsɛnhunu sɛ moka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ mmepɔw so, efisɛ, nnebɔneyɛfo no afa wɔn tadua, na wɔde wɔn agyan no akyerɛ atreneefo so sɛ wɔbɛtow awɔ wɔn wɔ sum mu.

Sɛ nneɛma mu kyekyɛ saa a, onipa pa rentumi nyɛ ho hwee.”

Awurade wɔ n’asɔrefi Kronkron no mu. N’ahengua wɔ soro. Ɔhwɛ nnipa fi baabiara, na onim nea wɔn nyinaa reyɛ.

Ɔhwehwɛ nnipa pa ne nnebɔneyɛfo nyinaa mu pɛ, na asoɔdenfo de, ofi ne koma nyinaa mu kyi wɔn.

Ɔma gyabiriw a ɛredɛw, ne sufre a ɛrehyew ba nnebɔneyɛfo so, na ɔde mframa a emu wowɔ twe wɔn aso.

Awurade yɛ ɔtreneeni, na ɔdɔ nneyɛe pa enti, wɔn a wɔyɛ ade pa no, behu n’anim.