Add parallel Print Page Options

Awurade adɔe

106 Kamfo Awurade! Monna Awurade ase efisɛ oye; ne dɔ wɔ hɔ daa. Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a wayɛ? Hena na obetumi akamfo no?

Nhyira nka wɔn a wodi ne mmara so, na daa wɔyɛ ade trenee.

Awurade, sɛ woboa wo nkurɔfo a, kae me; sɛ wogye wɔn nkwa a, fa me ka wɔn ho. Ma minhu wo nkurɔfo nkɔso, na me ne wo man ntena ahotɔ mu wɔ anigye mu ahosɛpɛw a wɔn a wɔyɛ wo de no nya no.

Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ amumɔyɛ ne bɔne bebree. Yɛn nenanom a na wɔwɔ Misraim no ante Onyankopɔn anwonwade no ase; wɔn werɛ fii ne dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn mpɛn pii no, na wɔsɔre tiaa Otumfoɔ no wɔ Po Kɔkɔɔ no so. Nanso ogyee wɔn nkwa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛnea ɔbɛda ne tumi adi no. Ɔkasa kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowoe. Na odii ne nkurɔfo anim ma wɔfaa asase kesee so. 10 Ogyee wɔn fii wɔn a na wɔtan wɔn no nsam; ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam. 11 Nanso nsu no faa wɔn atamfo no a, wɔn mu baako koraa anka.

12 Afei ne nkurɔfo no gyee ne bɔhyɛ no dii, na wɔtoo ayeyi dwom maa no.

13 Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ, na wɔyɛɛ nea wɔn ara wɔpɛ a wɔammisa no. 14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, na wɔsɔɔ Awurade hwɛe, 15 enti ɔmaa wɔn nea wobisaa no, nanso ɔde ɔyare bɔne bi brɛɛ wɔn. 16 Na sare so hɔ, wɔn ani beree Mose ne Aaron a ɔyɛ Awurade somfo kronkron no so. 17 Na asase mu buei na ɛmenee Datan na esiee Abiram ne n’abusuafo; 18 ogya sian baa wɔn akyidifo so bɛhyew saa amumɔyɛfo no. 19 Wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nantwinini ohoni wɔ Sinai na wɔsom no; 20 wɔde Onyankopɔn anuonyam sesaa aboa a ɔwe sare ohoni. 21 Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ɔnam ne tumideyɛ so gyee wɔn Misraim no. 22 Anwonwade a ɔyɛe wɔ hɔ no so. Anwonwade a ɔyɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no so no so. 23 Bere a Onyankopɔn kae se ɔbɛsɛe ne nkurɔfo no, n’akoa Mose sɔre srɛɛ Onyankopɔn dwudwoo n’abufuw ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.

24 Enti wɔpoo asase fɛfɛ no efisɛ, na wonnye Onyankopɔn bɔhyɛ nni. 25 Wɔtenaa wɔn ntamadan mu nwiinwii a na wontie Awurade. 26 Enti ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɔbɛma wɔawuwu wɔ sare so hɔ, 27 na wabɔ wɔn asefo apete wɔ sare so hɔ afra abosonsomfo mu, na wama wɔawuwu amanɔnne. 28 Na Poer hɔ, wɔde wɔn ho bɔɔ Baal, som no na wodii afɔre a wɔde bɔɔ anyame a nkwa nni wɔn mu no bi. 29 Wɔn nneyɛe no huruu Onyankopɔn bo, na ɔyare a ɛyɛ hu besii wɔn mu. 30 Na Pinahas sɔre gyinae twee wɔn a wodi fɔ no aso maa ɔyaredɔm no gyaee. 31 Wɔde saa asɛm yi kae no daa, na wɔbɛkae daa daa.

32 Meriba asu ho nso, nnipa no hyɛɛ Onyankopɔn abufuw ma, esiane wɔn nti, Mose kɔɔ ɔhaw mu. 33 Wɔmaa n’ani beree sɛ ɔkasa a onnyina nnwen ho. 34 Wɔankum abosonsomfo no sɛnea Awurade hyɛe sɛ wɔnyɛ no, 35 na wodii wɔn ho aware sɛnea abosonsomfo no yɛ no. 36 Onyankopɔn nkurɔfo som ahoni, na eyi ma wɔsɛee wɔn. 37 Wɔde wɔn ara wɔn mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ Kanaan ahoni afɔre. 38 Wokunkum mmotafowa a wonnim hwee maa asase no ho guu fi, esiane saa awudi no nti. 39 Saa ade a wɔyɛe no guu wɔn ho fi enti ɛma wodii atoro kyerɛɛ Onyankopɔn. 40 Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo; n’ani beree wɔn so. 41 Ɔpoo wɔn maa abosonsom tumi maa wɔn atamfo dii wɔn so. 42 Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so a wɔyɛ hwee a ɛnyɛ ye.

43 Mpɛn pii, Awurade gye ne nkurɔfo, nanso wɔpɛ sɛ wɔsɔre tia no na wɔkɔ bɔne mu ara. 44 Nanso Awurade tiee wɔn bere a wosu frɛɛ no no na ohuu ɔhaw a wɔwɔ mu no. 45 Wɔn nti, ɔkaee n’apam no na esiane ne dɔ kɛse no nti, ogow ne ho mu. 46 Ɔmaa wɔn sodifo nyinaa nuu wɔn ho.

47 Gye yɛn, O Awurade yɛn Nyankopɔn, na san fa yɛn fi aman so bra, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛda wo ase na yɛakamfo wo din kronkron no.

48 Kamfo Awurade, Israel Nyankopɔn; kamfo no nnɛ ne daa nyinaa! Momma obiara nka se, “Amen!”

Kamfo Awurade!