Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

100 Monto dwom mma Awurade, wiase nyinaa! Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa ahotɔ nnwom mmra n’anim.

Mommma mo werɛ mmfi da sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn. Ɔno na ɔbɔɔ yɛn na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo; yɛyɛ ne nguan.

Momfa aseda nkɔ asɔrefi no pon mu. Momfa nkamfo nkɔ n’adiwo hɔ. Da no ase, na kamfo no. Awurade ye; ne dɔ tim hɔ daa na ne nokware nso wɔ hɔ daa nyinaa.