Add parallel Print Page Options

Obubuafo bi ayaresa

Eyi akyi no, Yesu kɔtenaa ɔkorow bi mu kɔɔ Kapernaum, ne man mu. Oduu hɔ no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Ɔba, ma w’ani nnye, mede wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”

Ɛhɔ ara na mmara no akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ hɔ no bi teɛɛm se, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”

Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na mudwen bɔne ho saa? Me, Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ mitumi de bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka se, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ ɔbɛka se, ‘Sɔre na nantew?” Afei ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ obubuafo no se, “Sɔre, na bobɔw wo kɛtɛ, na kɔ fie, efisɛ, masa wo yare.”

Amonom hɔ ara, obubuafo no sɔre bobɔw ne kɛtɛ siim kɔɔ ne fi!

Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!

Yesu frɛ Mateo

Yesu fi nea ɔsaa obubuafo no yare hɔ rekɔ no, ohuu ɔbarima towgyeni bi a ɔte atowgyei. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu huu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi m’akyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.

10 Ɛbae sɛ Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Mateo fi kodidii. Wɔredidi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree baa hɔ ne no ne n’asuafo no too nsa didii. 11 Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa n’asuafo no se, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ?”

12 Yesu tee no, obuaa wɔn se, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn.” 13 Ɔsan kae bio se, “Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ treneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”

Mmuadadi ho asɛmmisa

14 Da bi, Yohane Osuboni asuafo baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na w’asuafo no nni mmuada sɛnea yɛne Farisifo di mmuada no?”

15 Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how na wobua da anaa? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Na saa bere no na wobedi mmuada.

16 “Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besuane dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ. 17 Hena na ɔde nsa foforo begu aboa nhoma nsa nkotoku dedaw mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsa no bɛpae nkotoku no ama nsa no ahwie agu na nkotoku no nso asɛe. Nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu na amma nkotoku no ne nsa no mu biara ansɛe.”

Ɔbea bi ayaresa ne ababaa bi wunyan

18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde n’adesrɛde too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.”

19 Yesu ne n’suafo no ne ɔkyerɛkyerɛfo no siim sɛ wɔrekɔ ɔkyerɛkyerɛfo no fi. 20 Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa n’akyi soo n’atade ano. 21 Ɔkae wɔ ne tirim se, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”

22 Yesu danee n’ani ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.” Efi saa bere no mu, ne ho tɔɔ no.

23 Yesu duu ɔkyerɛkyerɛfo no fi hɔ a ohui sɛ nkurɔfo no bi resu, na ebinom reto ayiase nnwom no, 24 ɔkae se, “Obiara mfi adi. Ababaa no nwui ɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no.

25 Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee. 26 Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛwee wɔ mpɔtam hɔ nyinaa

Anifuraefo baanu bi ayaresa

27 Yesu fi nea onyanee ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii n’akyi teɛteɛɛm se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

28 Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?” Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!”

29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, “Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!”

30 Amonom hɔ ara na wɔn ani buei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nnkyerɛ obiara.” 31 Nanso nnipa no fi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuru.

Mumu bɔdamfo bi ayaresa

32 Yesu ne n’asuafo refi adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. 33 Yesu tuu honhommɔne no, na prɛkopɛ, mumu no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!”

34 Farisifo no de, wɔkae se, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma nti na otumi tu ahonhommɔne no.”

Ayamhyehye

35 Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔsaa nyarewa ahorow bebree. 36 Bere a Yesu huu nnipadɔm no no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ, ohui sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. 37 Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. 38 Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.”