Add parallel Print Page Options

Nhyira nsɛm

Yesu huu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, n’asuafo no kɔɔ ne nkyɛn. Ofitii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se,

“Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ. Nhyira ne ahobrɛasefo, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

“Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn. Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ. Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wɔbehu Onyankopɔn. Nhyira ne apatafo, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma. 10 Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.

11 “Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. 12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho efisɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wɔdii mo kan no.

Nkyene ne kanea

13 “Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu na nnipa tiatia so. 14 Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. 15 Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. 16 Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.

Mmara no mu denhyɛ

17 “Munnsusuw sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mose mmara no ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba sɛ, merebɛhyɛ no ma, sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18 Munhu sɛ, ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu. 19 Eyi nti, obiara a obebu mmara no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara no mu fa bi so no, bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no, bɛyɛ kɛse ɔsoro ahenni mu.

20 “Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea mmara no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no yɛ no.

Abufuw ho mmara

21 “Mose mmara no ka se, ‘Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no bi.’ 22 Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se ‘Ogyimifo’ no, ɔbɛkɔ amanehunu gya mu.

23 “Enti sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔre, na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, 24 gyae afɔre no bɔ na kɔ, na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ afɔre no. 25 Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma ɔtemmufo na ɔtemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. 26 Sɛ ɔde wo kɔ ɔtemmufo anim a, kae sɛ, ansa na wubefi asennii hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afi wo hɔ no.

Aguamammɔ

27 “Mose mmara no ka se, ‘Nsɛe aware.’ 28 Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman. 29 Sɛ w’ani baako a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetu atow akyene. Efisɛ, eye sɛ wobɛhwere w’akwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu. 30 Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene, efisɛ, eye sɛ wobɛhwere w’akwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu.

Awaregyae

31 “Mose mmara no ka se, ‘Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa.’ 32 Na me de , nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a, ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.

Ɔkasa mu nokwaredi

33 “Bio, Mose mmara no ka se, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di bɔ a woahyɛ no no so.’ 34 Na me de, nea mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nnhyɛ bɔ. Monnnɔ soro, efisɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. 35 Monnnɔ fam, efisɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ, ɛyɛ ahenkurow. 36 Mfa wo ti nka ntam, efisɛ, worentumi nnan tinhwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi’. Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi’ no fi ɔbonsam.

Aweretɔ

38 “Mose mmara no ka se, ‘Sɛ obi tu w’aniwa a, tu ne de bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne de bi.’ 39 Na me de, nea mereka ne sɛ: Mommfa bɔne nntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ w’aso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40 Sɛ obi ne wo di asɛm gye wo ntama a, worɔw wo mpaboa ka ho ma no. 41 Sɛ obi hyɛ wo se wo ne no nnantew kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

Dɔ w’atamfo

43 “Moate sɛ wɔka se, ‘Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.’ 44 Na me de, nea mereka ne sɛ: Mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo. 45 Eyi bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, efisɛ, ɔma ne wia pue, ma ne su tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ. 46 Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya afi Onyankopɔn nkyɛn? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ? 47 Sɛ mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ? 48 Enti monyɛ pɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.