Add parallel Print Page Options

Yohane Osuboni asɛnka

Bere a Yesu ne n’awofo wɔ Nasaret no, Yohane Osuboni bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se, “Monsakra mo su; momfa mo ho mma Onyankopɔn, na ɔsoro ahenni no abɛn.” Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se, “Obi nne reteɛm se, ‘Mommɔ kwan mma Awurade; momma n’atempɔn nteɛ!’ “

Saa bere no, na Yohane fura yoma ho nhwi ntama, bɔ aboa nhoma abɔso. Na n’aduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi. Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Yohane hui sɛ Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,

“Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano? Ansa na wɔbɛbɔ mo asu no, ɛsɛ sɛ mosakra mo su na mubu ɔbra pa. Munsusuw sɛ moyɛ Abraham asefo nti, mubetumi aguan afi asotwe a ɛbɛba mo so no ho. Merema mo ate ase sɛ Onyankopɔn betumi ama abo a ɛwɔ ha yi adan Abraham asefo.

10 “Onyankopɔn de n’abonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntini ho sɛ ɔde betwa, na ɔde agu gya mu ahyew no.

11 “Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi m’akyi reba no de, ɔso sen me, a ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikita. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 12 Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa.”

Yesu asubɔ

13 Yesu tee Yohane Osuboni nka no, ofi Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu. 14 Yohane hui sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Eyi nti, ɔkae se, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.”

15 Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no se, “Etwa ara na etwa sɛ wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu.

16 Yohane asubɔ no akyi a ofi nsu no mu baa koko so pɛ, ɔsoro bue maa no. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba no so sɛ aborɔnoma. 17 Ɛhɔ ara, nne bi fi soro kae se, “Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”