Add parallel Print Page Options

Ayeforohyia apontow ho bɛ

22 Yesu de abebu ahorow kyerɛɛ sɛnea ɔsoro ɔhenni no te. Ose, “Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforo, na ɔtow pon maa no. Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Bere no dui no, ɔsomaa n’asomfo sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso nnipa no amma. Ɔsan somaa n’asomfo foforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase, mmedidi!’

“Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no serew. Obiara kodii ne dwuma. Obi kɔɔ n’afum. Ɔfoforo nso kodii ne gua. Afoforo nso kyeree n’asomfo no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso.

“Ɔhene no tee nea nnipa no ayɛ n’asomfo no, ne bo fuwii. Ɔsomaa n’asraafo ma wɔkokunkum awudifo no, hyew wɔn kurow no pasaa. Ɔsan frɛɛ n’asomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a wɔfrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontow no ase. Enti monkɔ mmɔnten so, na obiara a mubehu no no, momfrɛ no mmra apontow no ase.’

10 “Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne maa ɔdan a wɔtow pon wɔ mu no yɛɛ ma. 11 Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

12 “Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.

13 “Afei ɔhene no ka kyerɛɛ n’asomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne agyaadwo wɔ no.’ 14  Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔayi wɔn.”

Towyi ho asɛmmisa

15 Farisifo no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɔkwan bi a wɔnam n’anom asɛm so benya no akyere no. 16 Wosii no gyinae sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa ɔkwan a, ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a, wunsuro akyi asɛm, efisɛ, wonhwɛ nnipa anim. 17 Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”

18 Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19 Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20  Obisaa wɔn se, “Hena mfonini na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?” 21 Wobuae se, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”

22 Ne mmuae a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn, ma wogyaw no hɔ kɔe.

Owusɔre ho asɛmmisa

23 Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 24 “Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea, na ɔne no nwo mma owufo no.’ 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea. 26 Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii sɛ, anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no. 27 Nea edi akyiri ne sɛ, ɔbea no nso wui. 28 Ɛno nti, owusɔre bere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ, wɔn nyinaa waree no!”

29 Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moayɛ no fi onim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30 Na owusɔre bere no, aware nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro no. 31 Afei, ɛfa owusɔre no ho no nso, monkanee nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se, 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn no?’ Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn.”

33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.

Mmaransɛm no mu nea ɛkyɛn ne nyinaa

34 Farisifo no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifo no so no, wɔkohyiaa Yesu.

35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu se, 36 “Owura, Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa.”

37 Yesu buaa no se, “Dɔ Awurade wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu, wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.’ 38 Eyi ne mmaransɛm no mu nea edi kan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39 Nea ɛto so abien no te sɛ ɛno ara; ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40 Mose mmaransɛm ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm abien yi so. Di eyinom so, na wubehu sɛ woredi nea aka no nyinaa so.”

Hena ba ne Agyenkwa no?

41 Farisifo no twaa Yesu ho hyiae no, obisaa wɔn se, 42 “Dɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hena ba ne no?” Wobuaa no se, “Dawid ba.”

43 Yesu bisaa wɔn se, “Ɛnne adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Efisɛ, Dawid kae se,

44 “Onyankopɔn ka kyerɛɛ me wura se, ‘Tena me nifa kosi sɛ mɛma woadi w’atamfo nyinaa so.’ 45 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”

46 Obiara antumi ammua. Eyi akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.