Add parallel Print Page Options

Anyansafo a wofi apuei no

Bere a ɔhene Herode di ade no, na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw n’adwene yiye. Saa ara nso na ɛhaw Yerusalemfo nyinaa adwene. Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Adiyifo no kyerɛɛ faako a wɔbɛwo Kristo no anaa?” Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea adiyifo no kae:

“‘O, kurow Betlehem, wo a wonyɛ ketewaa Yudaman mu, wo mu na meyi nea obedi me man Israel anim afi.’“

Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoam bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”

Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ. 10 Bere a wohuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso.

11 Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria wɔ no, wɔkotow, som no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ.

12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Wɔbɔ wɔn ho aguaa kɔ Misraim

13 Anyansafo no kɔe akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na, na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ, ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.” 14 Anadwo no ara, Yosef faa abofra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15 na wɔtenaa hɔ kosii sɛ ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea odiyifo no kae se, “Mafrɛ me ba afi Misraim” no baa mu.

Betlehem mmofra no kum

16 Herode hui sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuwii mmoroso. ɔsomaa n’asraafo sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum mmarimaa a wonnii mfe abien kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae se wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no. 17 Herode atirimmɔdensɛm yi maa nea odiyifo Yeremia kae se, 18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwo; Rahel resu ne mma; ɔmpɛ awerɛkyekye bi, efisɛ, wɔnte ase bio” no baa mu.

Wɔsan ba Nasaret

19 Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se, 20 “Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ, wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no no awuwu.”

21 Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio se ɔnnkɔ Yudea na mmom, ɔnkɔ Galilea. 23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea odiyifo no kae se, “Wɔbɔfrɛ no Nasaretni no baa mu.