Add parallel Print Page Options

Yohane Osuboni kum

14 Bere no mu ara, na Herode a na odi hene wɔ Galilea no tee Yesu nka. Ɔtee Yesu nka no, nea ɔka kyerɛɛ n’asomfo ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osuboni na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.”

Saa bere no, na Herode ama wɔakyere Yohane Osuboni ato afiase, efisɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode aware no se, Herode aware ne nua Filipo yere. Herode pɛe sɛ okum Yohane. Nanso, na osuro sɛ, sɛ okum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Efisɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.

Ɛbae sɛ na Herode redi n’awoda. Awoda no ase, Herodia babea besawee ma ɛyɛɛ Herode fɛ. Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se, ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. Ababaa yi ne na Herodia tuu no fo se, ommmisa biribiara sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.

Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso, esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no.

10 Herode soma ma wɔkotwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. 11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na.

12 Yohane asuafo no bɛfaa n’amu no kosiee no. Eyi akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wu no ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu.

Yesu ma nnipa mpemnum aduan

13 Yesu tee Yohane Osuboni wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fii wɔn nkurow ne wɔn nkuraase tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ.

14 Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare.

15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti, gya nnipa no kwan na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ kurow no bi so.”

16 Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!”

17 Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ abodoo anum ne mpataa abien pɛ.”

18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mmrɛ me.”

19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa n’asuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien. 21 Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpemnum a mmea ne mmofra nka ho.

Yesu nantew nsu ani

22 Nnipadɔm no didi wiei pɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ, na ɔno de, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan.

23 Ogyaa wɔn kwan wiei no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara wɔ nea ɔwɔ hɔ. 24 Saa bere no, na ɔkorow a na asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fitii ase bɔe dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow a na asuafo no te mu no.

25 Ahemanakye bɛyɛ nnɔnan bere mu no, Yesu nam po no ani baa asuafo no nkyɛn. 26 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam nsu no ani reba wɔn nkyɛn no, wosuroe, efisɛ, na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛma wɔde ehu teɛteɛɛm.

27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”

28 Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa nsu no ani mmra wo nkyɛn.”

29 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!” Petro fii ɔkorow no mu sii nsu no ani nantewee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso, ohuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoe. Afei na ɔremem. Ɔteɛteɛɛm frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!”

31 Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa, twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?” 32 Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee bɔ. 33 Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”

Genesaret ayaresa

34 Wotwaa asu no baa Genesaret. 35 Yesu duu hɔ no, ankyɛ na nkurow a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefo nyinaa brɛɛ no. 36 Ayarefo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa n’atade ano no ho yɛɛ wɔn den.