Add parallel Print Page Options

Yesu sa nyarewa

Bere a Yesu sianee bepɔw no no, nnipadɔm bebree dii n’akyi. Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wopɛ a, sa me yare.”

Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, “Mɛsa wo yare. Kwata, fi ne so kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no fii ne ho.

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni w’ayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adanse no.”

Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo panyin bi a dɔm hyɛ n’ase baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe kae se, “Awurade, m’abofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Mɛba abɛsa no yare.”

Asraafo panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi, na m’abofra no ho bɛyɛ no den. Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ m’ase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ m’abofra se ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara nen. Nanso minim sɛ, wowɔ tumi a wubetumi de apam ɔyare no ma afi ne so.”

10 Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi n’akyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. 11 Na meka makyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro ahenni no mu. 12 Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛtow wɔn agu esum kabii mu ama yaw.”

13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no aba mu ama wo!” Saa bere koro no ara mu, abofra no ho tɔɔ no!

Yesu sa Petro ase yare

14 Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii abɔ Petro ase bea ma ɔda hɔ. 15 Yesu soo ne nsa, na amonom, atiridii no tu fii ne so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

16 Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahohommɔne bebree brɛɛ Yesu. N’anom asɛm a ɔkae no maa ahohommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.

Yesu akyidi

18 Yesu hui sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, wonsiesie wɔn ho na wontwa nkɔ asuogya nohɔ.

19 Ɛhɔ ara, Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi!”

20 Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ ntokuru, wim nnomaa nso wɔ birebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”

21 Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na menkosie m’agya ansa na mabedi w’akyi.”

22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di m’akyi. Wɔn a wɔawu wɔ honhom mu no, nsie wɔn awufo.”

Yesu brɛ ahum ase

23 Yesu saa nyarewa no wiei no, ɔtenaa ɔkorow mu ne n’asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ. 24 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tui maa asorɔkye bu bɛkɛtaa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada.

25 N’asuafo no de nteɛteɛm kɔɔ ne nkyɛn konyanee no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua. Adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. 27 Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”

Yesu tu ahohommɔne

28 Yesu ne n’asuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahohommɔne wɔ wɔn so fi amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.

29 Wohuu no pɛ, wofitii ase teɛteɛɛm se, “Onyankopɔn Ba, ɛdɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Wunni ho kwan sɛ saa bere yi mu, woyɛ yɛn ayayade biara.”

30 Saa bere koro no ara mu, na mprako redidi wɔ nkyɛn baabi. 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprako yi mu.”

32 Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara, ahonhommɔne no fii nnipa no mu kɔhyɛn mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sianee bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn. 33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo. 34 Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu wɔ hɔ no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn man mu hɔ nkɔ.