Add parallel Print Page Options

Ɔbonsam sɔ Yesu hwɛ

Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Saa bere no, Yesu dii mmuada adaduanan, awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ n’asetena mu, na mmom nea ehia titiriw ne sɛ, obedi Onyankopɔn asɛm so.’ “

Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyinae hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw sɛ, ‘Onyankopɔn bɛsoma n’abɔfo abɛsɔw wo na woammɛhwe abotan so.’ “

Yesu buae bio se, “Wɔakyerɛw bio sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ “

Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi mpampam. Ɔde n’ani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne emu anuonyam nyinaa. Afei ɔka kyerɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”

10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Kotow som Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ “

11 Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi, abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.

Yesu fiti n’adwuma ase wɔ Galilea

12 Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13 Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, otwaam wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so. 14 Eyi maa nea odiyifo Elia kae se, 15 “Sebulon asase ne Naftali asase, ɔkwan a ɛkɔ po mu, Yordan agya, amanaman Galilea, 16 nnipa a wɔtenaa sum mu no, Hann kɛse bi apue ama wɔn. Wɔtenaa owu asase so maa Hann no pue maa wɔn wɔ hɔ” no baa mu. 17 Efi saa bere no, Yesu fii n’asɛnka ase se, “Monsakra mo su, momfa mo ho mma Onyankopɔn, na ɔsoro ahenni no abɛn.”

Yesu frɛ asuafo baanan

18 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apofofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon, a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.

19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummedi m’akyi, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a wɔfa so yi nnipa kra.” 20 Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ bedii n’akyi ne no kɔe.

21 Ɔkɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wommedi n’akyi. 22 Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ, bedii n’akyi.

Galilea asɛnka ne ayaresa

23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa n’anim nyinaa nso. 24 Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui, ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 25 Anwonwade a Yesu yɛe yi, maa nnipakuw a wofi Galilea ne Nkurow Du ‘Dekapoli’ no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii n’akyi.

Jesus Is Tested in the Wilderness(A)

Then Jesus was led by the Spirit into the wilderness to be tempted[a](B) by the devil.(C) After fasting forty days and forty nights,(D) he was hungry. The tempter(E) came to him and said, “If you are the Son of God,(F) tell these stones to become bread.”

Jesus answered, “It is written: ‘Man shall not live on bread alone, but on every word that comes from the mouth of God.’[b](G)

Then the devil took him to the holy city(H) and had him stand on the highest point of the temple. “If you are the Son of God,”(I) he said, “throw yourself down. For it is written:

“‘He will command his angels concerning you,
    and they will lift you up in their hands,
    so that you will not strike your foot against a stone.’[c](J)

Jesus answered him, “It is also written: ‘Do not put the Lord your God to the test.’[d](K)

Again, the devil took him to a very high mountain and showed him all the kingdoms of the world and their splendor. “All this I will give you,” he said, “if you will bow down and worship me.”

10 Jesus said to him, “Away from me, Satan!(L) For it is written: ‘Worship the Lord your God, and serve him only.’[e](M)

11 Then the devil left him,(N) and angels came and attended him.(O)

Jesus Begins to Preach

12 When Jesus heard that John had been put in prison,(P) he withdrew to Galilee.(Q) 13 Leaving Nazareth, he went and lived in Capernaum,(R) which was by the lake in the area of Zebulun and Naphtali— 14 to fulfill(S) what was said through the prophet Isaiah:

15 “Land of Zebulun and land of Naphtali,
    the Way of the Sea, beyond the Jordan,
    Galilee of the Gentiles—
16 the people living in darkness
    have seen a great light;
on those living in the land of the shadow of death
    a light has dawned.”[f](T)

17 From that time on Jesus began to preach, “Repent, for the kingdom of heaven(U) has come near.”

Jesus Calls His First Disciples(V)

18 As Jesus was walking beside the Sea of Galilee,(W) he saw two brothers, Simon called Peter(X) and his brother Andrew. They were casting a net into the lake, for they were fishermen. 19 “Come, follow me,”(Y) Jesus said, “and I will send you out to fish for people.” 20 At once they left their nets and followed him.(Z)

21 Going on from there, he saw two other brothers, James son of Zebedee and his brother John.(AA) They were in a boat with their father Zebedee, preparing their nets. Jesus called them, 22 and immediately they left the boat and their father and followed him.(AB)

Jesus Heals the Sick

23 Jesus went throughout Galilee,(AC) teaching in their synagogues,(AD) proclaiming the good news(AE) of the kingdom,(AF) and healing every disease and sickness among the people.(AG) 24 News about him spread all over Syria,(AH) and people brought to him all who were ill with various diseases, those suffering severe pain, the demon-possessed,(AI) those having seizures,(AJ) and the paralyzed;(AK) and he healed them. 25 Large crowds from Galilee, the Decapolis,[g] Jerusalem, Judea and the region across the Jordan followed him.(AL)

Footnotes

  1. Matthew 4:1 The Greek for tempted can also mean tested.
  2. Matthew 4:4 Deut. 8:3
  3. Matthew 4:6 Psalm 91:11,12
  4. Matthew 4:7 Deut. 6:16
  5. Matthew 4:10 Deut. 6:13
  6. Matthew 4:16 Isaiah 9:1,2
  7. Matthew 4:25 That is, the Ten Cities