Add parallel Print Page Options

Honhom mu ahotew

Da bi, Farisifo mpanyin bi ne mmara no akyerɛkyerɛfo fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛpɛɛ no asɛm. Woduu hɔ no, wohui sɛ n’asuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa, wɔ ɔkwan a Farisifo no fa so hohoro wɔn nsa, ansa na wɔadidi no so. Na Yudafo no, ne titiriw no, Farisifo no, nnidi da gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi. Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.

Enti, mmara no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, “Adɛn nti na w’asuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ, wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no.”

Yesu buaa wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho se, ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me ho babiara. Wɔsom me kwa, na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ no yɛ nokware turodoo! Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si ananmu. Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim.

10 “Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Mose nam Onyankopɔn a ɔde mmara a ɛka se, ‘Di wo agya ne wo na ni’ no maa mo! Ɔkae se, obiara a ɔbɛkasa atia n’agya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no. 11 Nanso, muse, eye sɛ obi bɛka akyerɛ n’agya anaa ne na a ade bi hia no no se, ‘Merentumi mmoa mo! Efisɛ, mede nea anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no, ama Onyankopɔn.’ 12 Enti, mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban. 13 Eyi yɛ nhwɛso baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”

14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase. 15 Ade biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, nea ebefi onipa mu aba no, na egu ne ho fi. 16 Nea ɔwɔ aso a obetie no ntie.”

17 Afei, Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, n’asuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase.

18 Obisaa wɔn se, “Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu sɛ, nea mudi no ngu mo ho fi anaa? 19 Efisɛ, nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”

20 Ɔtoaa so se, “Nea mudwen no na ɛhaw ɔkra no. 21 Afei, nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde adwemmɔne, korɔn, awudi, aguamammɔ, 22 adifudepɛ, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23 Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na egu onipa ho fi a, enti ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim no.”

Ɔbea bi gyidi

24 Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛe sɛ ɔkɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ.

25 Ɛhɔ ara na ɔbea bi a hohommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, obebuu no nkotodwe. 26 Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa hohommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Siro - Foinikeni.

27 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ mma mee ansa. Na enye sɛ wɔde mma aduan ma akraman.”

28 Ɔbea no nso buaa no se, “Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka wɔ mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a, wɔhyehyɛ ɔpon no ase no.”

29 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo mmuae pa no nti, masa wo babea no yare. Kɔ fie. Hohommɔne no afi ne mu afi.”

30 Oduu fie no, ohui sɛ ne babea no da mpa so dinn a, honhommɔne no afi ne mu ampa ara.

Mumu sotifo bi ayaresa

31 Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow yɛ du no so, beduu Galilea po so. 32 Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.

33 Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tew ntasu de kaa ne tɛkrɛma. 34 Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teɛɛm se, “Hefata!” Ase ne Bue. 35 Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, kasae!

36 Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu. 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti, wɔkae se, “Yesu yɛ biribiara yiye. ɔma asotifo te asɛm, na mumu nso kasa!”