Add parallel Print Page Options

Wɔannye Yesu wɔ Nasaret

Ankyɛ na Yesu ne n’asuafo no fii nea wɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fitii ase kyerɛkyerɛe, maa wɔn a wobetiee no no ho dwiriw wɔn wɔ ne nyansa ne n’anwonwade a ɔyɛ no ho, efisɛ, nea wonim ne sɛ, ɔte sɛ wɔn ara pɛ.

Wɔkae se, “Ɔnsen yɛn wɔ hwee mu. Ɛnyɛ Maria ba kapentani a ne nuanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne no ne ne nuammeanom na ɛte ha!” Anokwa, wɔn bo fuwii.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam wɔ nea ɔwɔ biara, gye ne kurom ne ne fi ne n’abusuafo mu.” Na esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wantumi anyɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare.

Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa de, nanso ɔkɔɔ so kyinkyinii nkuraa a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ase kyerɛkyerɛe.

Yesu soma asuafo dumien no

Yesu frɛɛ n’asuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn ahonhommɔne so tumi. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wɔmmfa biribiara nnkita gye wɔn poma nko ara; wɔmmfa aduan anaa kotoku anaa sika. Bio, wɔmmfa mpaboa foforo anaa atade foforo nnka nea ɛhyɛ wɔn no ho.

10 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Baabiara a mobɛkɔ no, montena ofi baako pɛ mu. Monnsesa mo atenae. 11 Na sɛ morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo mu akɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw mfa nni adanse.”

12 Asuafo no kɔ kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra n’adwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho. 13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare.

Yohane Osuboni no kum

14 Esiane Yesu anwonwade a na ɔyɛ no nti, ne din trɛw maa ɔhene Herode tee ne nka. Ɔhene no susuwii sɛ Yesu yɛ Yohane Osuboni na wasan aba nkwa mu bio. Nnipa bi kae se, “Ɛnyɛ nwonwa sɛ otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.” 15 Ebinom nso susuwii sɛ, Yesu yɛ odiyifo Elia na wasan aba. Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba.

16 Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osuboni a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.”

17 Saa bere no, na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a ɔyɛ Herode ne nua Filipo yere no aware. 18 Yohane Osuboni ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.” 19 Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso, ɔrentumi nkum no, gye sɛ Herode ama no tumi. 20 Na Herode bu Yohane, efisɛ, onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti, ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Herode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde boasetɔ tiee no.

21 Nea Herodia pɛe sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi n’awoda na ɔtow pon wɔ n’ahemfi maa ne mpanyimfo, n’asafohene ne Galilea mpanyimfo. 22 Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. 23 Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, “Bisa me biribiara a wopɛ, sɛ m’aheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”

24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa, ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa Yohane Osuboni ti.”

25 Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Yohane Osuboni ti to prɛte mu ma me mprempren ara!”

26 Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so. 27 Herode somaa n’asrafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Yohane Osuboni ti, 28 na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na.

29 Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa n’amu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu.

Yesu ma nnipa mpemnum aduan

30 Asuafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛe, ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra.” Nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi. 32 Yesu ne n’asuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. 33 Nanso, bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn na wotuu mmirika faa mpoano hɔ kohyiaa wɔn. 34 Eyi nti, bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ, na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu.

35 Onwini reyɛ adwo no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.”

37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma wɔn aduan nni.” Wobisaa no se, “Aduan bɛn? Sɛ yese yɛbɛma wɔn aduan a, yɛrennya saa nnipa dodow yi ho sika!”

38 Yesu bisaa wɔn se, “Abodoo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, wɔwɔ abodoo anum ne mpataa abien. 39 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se wɔmma nnipa no ntenatena ase akuwakuw wɔ sare no so. 40 Enti wɔtenatenaa ase akuwakuw a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum.

41 Yesu faa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae hyiraa so. Obubuu abodoo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso mu maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee!

43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpemnum; 44 na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien.

Yesu nantew nsu ani

45 Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn.

46 Akyiri yi, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae. 47 Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu nsu no mfinimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48 Ohui sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ ɔkorow no hare mu. Ahemanakye bɛyɛ sɛ nnɔn abiɛsa bere mu no, ɔnantewee nsu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛe sɛ ɔretwa wɔn ho. 49 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam nsu no ani no, wɔde hu teɛteɛɛm, efisɛ, na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 50 Wɔn nyinaa huu no. Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!” 51 Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee! Asuafo no ho dwiriw wɔn. 52 Anwonwade a na Yesu ayɛ akyerɛ wɔn no nyinaa akyi no, na wonhu onipa ko a ɔyɛ ara. Nea ɛwom ne sɛ, na wɔmpɛ sɛ wogye di.

Genesaret ayaresa

53 Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano.

54 Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyina hɔ no huu no. 55 Wotuu mmirika faa nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa so, kae se waba hɔ. Afei, wofitii ase soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no sɛ ɔnsa wɔn yare. 56 Na nkuraase anaa nkurow baabiara a ɔkɔɔ so no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa n’atade ano no, ho yɛɛ wɔn den.