Add parallel Print Page Options

Yesu sa obubuafo bi yare

Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no, nnipa pii tee sɛ waba hɔ. Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ofitii ase kaa Asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 3Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa hɔ. Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

Nanso mmara no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.”

Yesu huu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo? Me, Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase so sɛ mede bɔne kyɛ. Sɛ obi bɛka asɛm bi no, nyɛ den. Obiara betumi aka asɛm a mekae yi. 10 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,” ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, 11 “Mise wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi.”

12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn kae se, “Yenhuu eyi bi da!”

Yesu frɛ Lewi

13 Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio na ɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no. 14 Bere a ɔnam mpoano hɔ no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Di m’akyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii n’akyi.

15 Saa da no anadwofa, Lewi tow pon, too nsa frɛɛ n’afɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne n’asuafo nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ. 16 Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa n’asuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo te sɛ eyinom to nsa didi?”

17 Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn. Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo se wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”

Mmuadadi ho asɛmmisa

18 Da bi a Yohane Osuboni akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na w’akyidifo de, wonni mmuada?”

19 Yesu nso bisaa wɔn se, “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da. 20 Nanso da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada. 21 Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no. 22 Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”

Homedadi ho asɛm

23 Homeda bi a Yesu ne n’asuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee.

24 Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Enni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho kwan sɛ wobu aburow Homeda.”

25 Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkan nea ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, 26 ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiata bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii abodoo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, no pɛn? Na ɛno nso tia mmara. 27 Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa. 28 Na me, Onipa Ba no mpo, mewɔ tumi sɛ mekyerɛ nea ɛsɛ sɛ onipa tumi yɛ Homeda!”