Add parallel Print Page Options

Yesu sa obi a ne nsa awu yare

Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu.

Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a, wɔbɛkyere no! Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ n’atamfo no bisaa wɔn se, “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no?” Nanso wɔammua no. Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ ma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.

Ɛhɔ ara, Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuwii ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.

Nnipadɔm tu di Yesu akyi

Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, Idumea, asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa tu dii Yesu akyi. Efisɛ, na n’anwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.

Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10 Da no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka n’atade.

11 Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12 Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.

Asuafo dumien no yi

13 Akyiri yi, ɔkɔɔ bepɔw so, frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14 Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka Asɛmpa no, 15 na wɔatu ahonhommɔne nso. 16 Dumien a oyii wɔn no din ni: Simon a ɔtoo no din foforo Petro. 17 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, ase ne aprannaa mma. 18 Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Yakobo Alfeo ba; Tadeo ne Simon ɔmanyɛfo, 19 ɛne Yuda Iskariot a oyii no mae no.

20 Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na ɛhɔ nyinaa ayɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. 21 Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi, efisɛ, wɔkae se, “Ne tiri mu ka no.”

Yesu ka nyaatwomfo anim

22 Mmara no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebub a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na etu ahonhommɔne no.”

23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24 Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu.

25 Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no. 26 Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu. 27 Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, gye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma.

28 “Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no; 29 nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempopa da.”

30 Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ, na wɔka se, ɔwɔ honhommɔne.

Yesu ne ne na ne ne nuanom

31 Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32 Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”

33 Yesu bisaa wɔn se, “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?” 34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiae kae se, “Eyinom ne me na ne me nuanom! 35 Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na.”