Add parallel Print Page Options

Asɔredan no sɛe

13 Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, n’asuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasuw no.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa ɔdan yi agu pasaa.”

Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a n’ani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bedi kan aba ansa anaa?”

Yesu nso buaa wɔn se, “Monhwɛ yiye na obi annaadaa mo. Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. Akokoakoko besisi mmaa nyinaa nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awiei no ho nsɛnkyerɛnne.

“Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiase. Nanso sɛ eyinom fiti ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi m’akyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnnii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10 Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba. 11 Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asɛnnii a, munnnwen nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka.

12 “Onua beyi onua ama sɛ wonkum no; agyanom nso beyi wɔn mma ama; mma nso beyi wɔn awofo ama sɛ wonkum wɔn. 13 Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.

Ahohia a ɛyɛ hu

14 “Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so. 15 Wɔn a wɔwɔ wɔn afi mu no nguan a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nnkɔfa biribiara mmfi hɔ. 16 Wɔn a wɔwɔ mfum no nso nnsan wɔn akyi mmmɛfa sika anaa ntama wɔ fie.

17 “Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue. 18 Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere. 19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da. 20 Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso esiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, obetwa nna no so.

21 “Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua. 22 Wɔn a wɔnam nnaadaa so ka se wɔne Kristo no ne adiyifo no bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. 23 Monhwɛ yiye, efisɛ, maka biribiara akyerɛ mo!

24 “Ahohia no akyi no, owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, 25 na nsoromma bɛtetew ahwe, na wɔbɛwosow tumi a ɛwɔ wim no. 26 Na nnipa nyinaa behu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne anuonyam nam omununkum mu reba. 27 Na mɛsoma m’abɔfo akɔ wiase mmaa nyinaa, fi soro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

28 “Afei, merebɛka asɛm bi a ɛfa akutu dua ho a ɛbɛma mo osuahu bi akyerɛ mo. Sɛ eyi baa foforo san yi ahaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow atue. 29 Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn.

30 “Afei nokware ni, wɔn a wɔte ase saa bere yi mu no nyinaa renwuwu kosi sɛ saa nsɛm yi besisi. 31 Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.

32 ”Nanso, da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim. 33 Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.

34 “Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a n’apaafo nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.

35 “Enti, mo nso monwɛn, efisɛ, munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasum, ahemanakye anaa awia. 36 Sɛ ofi mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda. 37 Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. Monwɛn.”

The Destruction of the Temple and Signs of the End Times(A)

13 As Jesus was leaving the temple, one of his disciples said to him, “Look, Teacher! What massive stones! What magnificent buildings!”

“Do you see all these great buildings?” replied Jesus. “Not one stone here will be left on another; every one will be thrown down.”(B)

As Jesus was sitting on the Mount of Olives(C) opposite the temple, Peter, James, John(D) and Andrew asked him privately, “Tell us, when will these things happen? And what will be the sign that they are all about to be fulfilled?”

Jesus said to them: “Watch out that no one deceives you.(E) Many will come in my name, claiming, ‘I am he,’ and will deceive many. When you hear of wars and rumors of wars, do not be alarmed. Such things must happen, but the end is still to come. Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom. There will be earthquakes in various places, and famines. These are the beginning of birth pains.

“You must be on your guard. You will be handed over to the local councils and flogged in the synagogues.(F) On account of me you will stand before governors and kings as witnesses to them. 10 And the gospel must first be preached to all nations. 11 Whenever you are arrested and brought to trial, do not worry beforehand about what to say. Just say whatever is given you at the time, for it is not you speaking, but the Holy Spirit.(G)

12 “Brother will betray brother to death, and a father his child. Children will rebel against their parents and have them put to death.(H) 13 Everyone will hate you because of me,(I) but the one who stands firm to the end will be saved.(J)

14 “When you see ‘the abomination that causes desolation’[a](K) standing where it[b] does not belong—let the reader understand—then let those who are in Judea flee to the mountains. 15 Let no one on the housetop go down or enter the house to take anything out. 16 Let no one in the field go back to get their cloak. 17 How dreadful it will be in those days for pregnant women and nursing mothers!(L) 18 Pray that this will not take place in winter, 19 because those will be days of distress unequaled from the beginning, when God created the world,(M) until now—and never to be equaled again.(N)

20 “If the Lord had not cut short those days, no one would survive. But for the sake of the elect, whom he has chosen, he has shortened them. 21 At that time if anyone says to you, ‘Look, here is the Messiah!’ or, ‘Look, there he is!’ do not believe it.(O) 22 For false messiahs and false prophets(P) will appear and perform signs and wonders(Q) to deceive, if possible, even the elect. 23 So be on your guard;(R) I have told you everything ahead of time.

24 “But in those days, following that distress,

“‘the sun will be darkened,
    and the moon will not give its light;
25 the stars will fall from the sky,
    and the heavenly bodies will be shaken.’[c](S)

26 “At that time people will see the Son of Man coming in clouds(T) with great power and glory. 27 And he will send his angels and gather his elect from the four winds, from the ends of the earth to the ends of the heavens.(U)

28 “Now learn this lesson from the fig tree: As soon as its twigs get tender and its leaves come out, you know that summer is near. 29 Even so, when you see these things happening, you know that it[d] is near, right at the door. 30 Truly I tell you, this generation(V) will certainly not pass away until all these things have happened.(W) 31 Heaven and earth will pass away, but my words will never pass away.(X)

The Day and Hour Unknown

32 “But about that day or hour no one knows, not even the angels in heaven, nor the Son, but only the Father.(Y) 33 Be on guard! Be alert[e]!(Z) You do not know when that time will come. 34 It’s like a man going away: He leaves his house and puts his servants(AA) in charge, each with their assigned task, and tells the one at the door to keep watch.

35 “Therefore keep watch because you do not know when the owner of the house will come back—whether in the evening, or at midnight, or when the rooster crows, or at dawn. 36 If he comes suddenly, do not let him find you sleeping. 37 What I say to you, I say to everyone: ‘Watch!’”(AB)

Footnotes

  1. Mark 13:14 Daniel 9:27; 11:31; 12:11
  2. Mark 13:14 Or he
  3. Mark 13:25 Isaiah 13:10; 34:4
  4. Mark 13:29 Or he
  5. Mark 13:33 Some manuscripts alert and pray