Add parallel Print Page Options

Yesu kɔ Yerusalem

11 Yesu ne n’asuafo no rebɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ Yerusalem nkwantia no, wobeduu Ngo Bepɔw no so maa Yesu somaa n’asuafo no mu baanu, dii wɔn anim kan.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum ba bi a wɔntenaa ne so da hama. Monsan no, na momfa no mmrɛ me. Na sɛ obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.”

Asuafo baanu no siim. Wokohui sɛ aboa no sa ofi bi aboboano. Enti, wɔsanee no. Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan afurum ba no?”

Wɔkaa nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase.

Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu, maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so. Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnubaa de sesɛw ɔkwan no mu saa ara.

Na Yesu di nnipakuw no mfinimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛm se, “Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba! 10 Anuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahenni reba. Hosiana wɔ sorosoro nohɔ!”

11 Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.

Yesu dome akutu dua

12 Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania hɔ no, ɔkɔm dee no. 13 Wɔkɔe kakra no, ohui sɛ akutu dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛe sɛ akutu no bi wɔ so anaa. Nanso oduu hɔ no, ohui sɛ ahaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso, na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ akutu sow.

14 Nanso, Yesu domee akutu dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Asuafo no tee asɛm a ɔkae no.

Yesu kɔ asɔrefi

15 Yesu san baa Yerusalem no ɔkɔɔ asɔrefi hɔ. Oduu hɔ no, ɔpamoo aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16 siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio.

17 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘M’asɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae wɔ hɔ’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.”

18 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi hɔ. Asɛm a na ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasa bɛba, efisɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom. 19 Sɛnea na wɔtaa yɛ no, anwummere no ara wofii kurow no mu.

Akutu dua a ewui no

20 Anɔpa a asuafo no retwam wɔ akutu dua a Yesu domee no no ho no, wohui sɛ awu.

21 Petro kaee nea Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛm se, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Akutu dua a wodomee no no awu!”

22 Yesu nso ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Sɛ mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a, 23 anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nnhinhim. 24 Muntie nea mereka yi. Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka. 25 Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ wowɔ obi ho asɛm a, fa kyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a w’agya a ɔwɔ soro no nso de wo bɔne bɛkyɛ wo.”

26 Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ soro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.

Yesu tumi ho nsɛmmisa

27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefi hɔ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se, 28 “Tumi bɛn na wugyinaa so pamoo aguadifo no?”

29 Yesu nso buaa wɔn se, “Merebebisa mo asɛm baako bi na mummua me! 30 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osuboni anaa ɛnyɛ ɔno? Mummua me!”

31 Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni. 32 Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

33 Enti, wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.”

Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!”