Add parallel Print Page Options

Ɔsraani panyin bi gyidi

Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiei no, ɔkɔɔ Kapernaum. Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ n’asɛm yiye yare denneenen a ɔreyɛ awu. Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi sɛ wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no. Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too n’anim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ, ɔyɛ onipa pa. Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.”

Yesu ne wɔn siim. Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi se, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi. Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den. Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ m’ase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’a, ɔba. Na mehyɛ me somfo se, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”

Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwiriw no na ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi n’akyi no se, “Anokwa, Israelman mu nyinaa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi da.”

10 Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohui sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.

Yesu nyan okunafo bi ba wɔ Nain

11 Eyi akyi no, Yesu ne n’asuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu. 12 Woduu kurotia no, ohui sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no babarima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi.

13 Na Awurade huu no no, n’asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Gyae su!” 14 Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. “Aberante, mise wo sɛ, nyan!”

15 Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.

16 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.”

17 Nea Yesu yɛe yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Yohane Osuboni

18 Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ. 19 Yohane somaa n’asuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

20 Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Yohane Osuboni asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yemmebisa wo se, “Wone nea ɔreba na anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

21 Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahohommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade. 22 Yesu buaa wɔn se, “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan na meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo. 23 ’Nhyira ne nea merento no hintidua.’”

Yesu di Yohane ho adanse

24 Yohane asuafo no fi Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no anaa? 25 Ɛnne dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi anaa? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa. 26 Na ɛnne na dɛn na muhui? Odiyifo? Yiw, na nea muhuu no no sen odiyifo mpo. 27 Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, ‘Mɛsoma me bɔfo adi w’anim kan. Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’ 28 Meka kyerɛ mo se, onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”

29 Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. 30 Na Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

31 Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na menka mfa nnɛɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn nto? 32 Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se, ‘Yɛbɔɔ akyene maa mo nanso moansaw! Yetwaa agyaadwo, nanso moansu!’ 33 Yohane Osuboni aba a onnidi na ɔnnom nsa, nso muse, ‘Ɔwɔ hohommɔne!’ 34 Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔsanomfo a ɔyɛ towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo!’ 35 Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de wɔn bra di adanse sɛ, n’akwan nyinaa ye.”

Ɔbea debɔneyɛfo sra Yesu aduhuam

36 Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe. 37 Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ. 38 Ɔkotow Yesu nan ase sui maa ne nisu no fɔw Yesu nan ase. Afei ɔde ne tinhwi popaa nisu no, soo ne nan de aduhuam no sraa ho.

39 Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no huu nea ɔbea no yɛe no, ɔkae wɔ ne tirim se, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifo ampa ara a, anka obehu sɛ saa ɔbea yi bu ɔbra bɔne.”

40 Yesu huu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no se, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka ɛ.”

41 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako sidi mpemnum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no sidi ahanum. 42 Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no nti ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na wugye di sɛ ɔbɛpɛ osikani no asɛm yiye?”

43 Simon buae se, “Migye di sɛ nea ɔde ne ka kɛse kyɛɛ no no.” Yesu kae se, “Woabua no yiye.”

44 Afei Yesu danee n’ani kyerɛɛ ɔbea no bisaa Simon se, “Woahu saa ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu anhohoro me nan ase; nanso saa ɔbea yi de ne nisu ahohoro me nan ase, asan de ne tinhwi apopa. 45 Mebae yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso efi bere a ɔbea yi bɛtoo me wɔ ha yi, onnyaee me nan mu so. 46 Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra me nan ase. 47 Eyi nti mereka akyerɛ wo se, nea ɔbea yi ayɛ nti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, efisɛ, wayi ɔdɔ kɛse bi adi akyerɛ. Na nea wɔde ne bɔne a esua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”

48 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

49 Wɔn a ɔne wɔn te adidii no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a otumi de bɔne kyɛ?”

50 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wo gyidi agye wo nkwa. Fa asomdwoe kɔ.”