Add parallel Print Page Options

Yesu tumi ho nsɛmmisa

20 Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, mmara no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se, ”Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?”

Yesu buaa wɔn se, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi nnipa?”

Wɔfaa ho adwene kae se, sɛ yɛka se, efi Onyankopɔn a, obebisa yɛn se, ‘ɛnne, adɛn nti na moannye no anni?’ “Sɛ nso yɛka se, efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ, wonim sɛ Yohane yɛ odiyifo.” Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.”

Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnne me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae.”

Apaafo bi

Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuw de hyɛɛ apaafo bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa hɔ kyɛe. 10 Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo sɛ onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no ma ɔsan kɔɔ nsapan. 11 Ɔsomaa ɔsomfo foforo maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. 12 Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pamoo no.

13 “Eyi maa bobefuw wura no kae se, ‘Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de ebia wɔbɛfɛre no.’

14 “Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, ‘Odiadefo no ni, momma yenkum no na yɛmfa n’agyapade no.’ 15 Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no. Mugye di sɛ dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi? 16 Ɔbɛba abekum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo.” Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, “Ɛmpare yɛn!”

17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛnne na nea wɔakyerɛw se, ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn? 18 Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛtɛw no.” 19 Esiane sɛ mmara no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no hui sɛ Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti, wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro.

Towgye ho asɛmmisa

20 Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya n’anom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. 21 Saa nnipa yi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. 22 Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?”

23 Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, 24 “Momma me sika. Hena mfonini ne din na ɛwɔ so yi?” Wobuaa no se, “Ɛyɛ Kaesare de.”

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” 26 Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.

Owusɔre ho asɛmmisa

27 Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 28 “Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no. 29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui. 30 Ne nua a odi n’akyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui. 31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo na wowuwui. 32 Akyiri yi ɔbea no nso wui. 33 Yɛn asɛmmisa ne sɛ, esiane sɛ ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?”

34 Yesu buae se, “Asase yi so na nnipa dwen aware ho. 35 Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn. 36 Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.

37 “Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose ma yehuu no pefee sɛ, owusɔre wɔ hɔ. Efisɛ, n’asɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no ɔbɔ Abrahan Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din. 38 Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei.”

39 Mmara no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, “Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye.”

40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Hena ba ne Kristo no?

41 Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na wɔka se Kristo no yɛ Dawid ba? 42 Efisɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu se, ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nifa so 43 kosi sɛ mɛma woadi w’atamfo so nkonim.” ‘ 44 Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba ne ne Nyankopɔn?”

Mmara no akyerɛkyerɛfo no suban

45 Bere a nnipa no retie no no, Yesu danee n’ani ka kyerɛɛ n’asuafo no se, 46 “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ mmara no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a, wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontow ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 47 Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”