Add parallel Print Page Options

Sakeo

19 Da bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no, ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. Bere a Yesu retwam no, Sakeo pɛe sɛ anka ohu no nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esi hɔ no ase nti, ɔkaa ne ho kɔforoo saa nnyedua no.

Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa n’ani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na ɛnnɛ mɛtena.”

Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.

Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛfo yi na wakɔ akɔsoɛ no.”

Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, ɛnnɛ, mede m’ahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ, oyi nso yɛ Abraham ba. 10 Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”

Adwumayɛ ho akontaabu

11 Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahenni no abɛn.

12 Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom kohuu n’abusua mu mpanyimfo sɛ wonsi no hene. 13 Ansa na ɔrebefi n’akwantu no ase no, ɔfrɛɛ n’adwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara sidi ɔpedu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kosi sɛ mɛba.’ 14 Kurom hɔfo no tee n’ahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no.

15 “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ n’adwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho nkontaa nkyerɛ no.

16 “Odwumayɛfo a odii kan bae no bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika sidi ɔpedu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’

17 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ w’ase na woadi so.’

18 Odwumayɛfo a ɔto so abien no bae bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika sidi ɔpedu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’

19 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wase na woadi so.’

20 “Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura, wo sika sidi ɔpedu a wode maa me no, mede siei, eni. 21 Na misuro sɛ mfaso a menya no, wubesisi me agye, efisɛ, wo tirim yɛ den. Nea ɛnyɛ wo de, wugye; nea wunnuae nso, wutwa.’ 22 Ne wura no buaa no se, Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me tirim yɛ den. Nea ɛnyɛ me de no migye; nea minnuae no, mitwa. 23 Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’

24 “Ɔka kyerɛɛ n’asomfo a na wogyina hɔ no se ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’

25 “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika pii!’

26 “Owura no kae se, ‘Nea moreka no yɛ nokware. Nanso merema moate ase sɛ, nea ɔwɔ pii no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam. 27 Na afei momfa m’atamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra m’anim ha na munkum wɔn!”

Yesu kɔ Yerusalem

28 Yesu kaa nsɛm yi wiei no, odii n’asuafo no kan kɔɔ Yerusalem. 29 Ɔrebɛn Belfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw no no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se, 30 “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me. 31 Na sɛ obi bisa mo se, ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka se, ‘Aboa no ho hia Awurade!’ “

32 Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no. 33 Bere a wɔresan afurum ba no no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?”

34 Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.”

35 Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so. 36 Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so. 37 Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, n’akyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se, 38 “Nhyira ne ɔhene a ɔreba Awurade din mu no! Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro nohɔ!”

39 Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ w’akyidifo no na wommua wɔn ano!” 40 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me ayi me ayɛ.”

Yesu su ma Yerusalem

41 Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no no, osu maa emu nnipa no se, 42 “Mo a anka asomdwoe yɛ mo de nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso, mo nsa renka da! 43 Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ, 44 atɔre mo ne mo mma ase asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”

Yesu pam aguadifo fi asɔredan mu

45 Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, 46 “Wɔakyerɛw se, ‘M’asɔredan yɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfo ahyiae!”

47 Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, mmara no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no. 48 Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ, bere nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.