Add parallel Print Page Options

Ofisohwɛfo okontomponi no

16 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofisohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fisohwɛfo no resɛe ne nneɛma.

“Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne fisohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Ɛdɛn na mete fa wo ho yi? Bebu w’adwuma ho nkontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.

“Ofi sohwɛfo no kae wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade. Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’

“Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’ Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twam na kyerɛw se, wode ngo nhina du ka.’

“Ɛno akyi no ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?’ Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka’. Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twam na kyerɛw se, wode nkotoku aduonum ka!’

“Ɔdefo no huu nea ofisohwɛfo no yɛɛ no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ ne nnaadaa ne n’anifere no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. Menka mfa nhyɛ mo nkuran sɛ momfa nsisi kwan so mfa nnamfo anaa? Mugye di sɛ eyi bɛma mo akɔ daa homebea hɔ anaa? Dabida. 10 Nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no, rentumi nni nokware wɔ pii ho. 11 Sɛ moantumi anni nokware wɔ wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12 Sɛ moanni nokware wɔ obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?

13 “Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ, ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.”

14 Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw.

15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim. 16 Ansa na Yohane Osuboni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Yohane Osubɔni bae no, ɔbɛkaa Onyankopon Ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti, nnipa da so pere sɛ wɔbɛkɔ saa Ahenni no mu. 17 Ɛnyɛ den sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no mu nsensan ketewa baako mpo bɛyera.

18 “Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no bɔ aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ aguaman.”

Ɔdefo bi ne Lasaro

19 Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye n’ani yiye nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da n’aboboano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔe sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba baabi a na ohiani no da hɔ no bɛtaforotaforo n’akuru no mu. 22 Ohiani no wui maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wui ma wosiee no. 23 Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa n’ani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn.

24 “Ɔdefo no teɛɛm se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’

25 “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no, wudii dɛ na Lasaro dii yaw; nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yaw. 26 Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’

27 “Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ m’agya fi, 28 efisɛ, mewɔ nnuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’

29 “Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’

30 “Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wom de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’

31 “Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara ne no.’”