Add parallel Print Page Options

Yesu sa yare homeda

14 Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon.

Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa?”

Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.

Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Mo mu hena na sɛ n’afurum tɔ abura mu homeda a ɔrennyi no da no ara?”

Nanso wɔatumi ammua no. Afei Yesu hui sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛe sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se, “Sɛ obi to nsa frɛ wo apontow ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo. Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi agua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyiri baabi.

10 ”Enti sɛ obi hyia wo apontow ase a, kɔtena akyiri baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’ Ɛno bɛma woanya anuonyam wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

12 Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ wotow pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, w’abusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee. 13 Na sɛ wotow pon a, hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo. 14 Esiane sɛ wontumi nyɛ saa bi mma wo no nti, ɛda a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”

Apontow kɛse bi ho bɛ

15 Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no, ɔkae se, “Nhyira ne nea obedidi wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

16 Yesu buaa no se, “Da bi ɔbarima bi tow pon kɛse hyiaa nnipa bebree. 17 Bere soe no, ɔsomaa ne somfo bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra. 18 Nanso wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ 19 Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ m’afuw a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ 20 Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’

21 ”Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye se wɔmmra.’ 22 Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.

23 “Ɛno nti, owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, matow pon, enti wɔmmra. 24 Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduan yi bi bɛka n’ano da biara da.’”

Yesu akyidi

25 Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, 26 “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen n’awofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne n’ankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. 27 Obiara a odi m’akyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

28 “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie? 29 Anyɛ saa na ɔhyɛ ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no, 30 aka se, ‘Onipa yi fitii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie’.

31 Anaasɛ ɔhene bɛn na okita asraafo ɔpedu na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okita asraafo ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32 Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no, srɛ no sɛ, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra.

33 “Ɛno nti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

34 “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? 35 Ɛho nni mfaso ma biribiara. Wɔbɛtow agu. Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.’“