Add parallel Print Page Options

Asuafo aduɔson no soma

10 Eyi akyi, Yesu yii n’akyidifo no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkurow ne nkuraa a akyiri yi ɔbɛkɔ hɔ no so.

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu. Monkɔ, na meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Mommfa sika, akwantubɔtɔ anaa mpaboa; na munnkyia obiara nso a mubehyia no wɔ kwan so.

“Sɛ mokɔ ofi biara mu a, munni kan nkyia ofie hɔfo no se, ‘Asomdwoe nka mo!’ Na sɛ asomdwoe ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoe bɛsan aba mo nkyɛn. Ofi biara a mokɔ mu no, momma ɛhɔ nyɛ mo atenae; aduan biara a wɔde bɛma mo no, munni, efisɛ, ɛsɛ sɛ odwumayɛfo biara nya n’adwumayɛ so akatua; munnni atutena wɔ afi mu.

“Na sɛ mokɔ kurow biara mu na wogye mo fɛw so a, aduan biara a wɔde bɛma mo no, munni. Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn mo.’

10 “Nanso sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔnten so nkɔpae mu nka se, 11 ‘Mo kurom ha mfuturu a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.’ 12 Mereka akyerɛ mo se, saa kurow no, asɛm a ɛbɛto wɔn atemmuda no bɛsen nea ɛtoo Sodom no. 13 Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw. 14 Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wugye di sɛ wubenya ɔsoro anuonyam.? Dabida, wobɛkɔ asaman.

16 “Obiara a otie mo no tie me, na nea ɔpo mo no po me, na nea ɔpo me no nso po nea ɔsomaa me no.”

Aduɔson no amanneɛbɔ

17 Aduɔson no san de anigye bae bɛbɔɔ amanneɛ se, “Awurade, wo din nti, ahohommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”

18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mihui sɛ ɔbonsam retew afi soro sɛ anyinam abɛhwe fam. 19 Mama mo tumi ne ahoɔden a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no tumi biara a ɔwɔ so na biribiara nso rentumi mo. 20 Nanso mommma mo ani nnnye sɛ ahohommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro.”

Yesu aseda mpae

21 Saa bere no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigye bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahintaw wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom woada nokware no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛase gye wo di sɛ mmofra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa. 22 M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”

23 Ɛkaa ɔne n’asuafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu! 24 Efisɛ, adiyifo ne ahene pii pɛe sɛ anka wohu nea muhu yi, na wɔte nea mote yi, nanso, wɔanhu na wɔante.”

Mmaranimfo bi asɛmmisa

25 Mmaranimfo bi pɛe sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti obisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?”

26 Yesu nso bisaa no se, “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?”

27 Obuaa no se, “Mmara no ka se, ‘Fa wo koma, ne wo kra, ne w’ahoɔden, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

28 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woabua no yiye. Yɛ eyinom na wubenya nkwa.”

29 Nanso ɔbarima no pɛe sɛ ɔkyerɛ sɛ odi mmara no nyinaa so nti, obisaa Yesu se, “Hena ne me yɔnko?”

Samariani a ohuu mmɔbɔ no

30 Yesu nso maa no mfatoho bi se, “Da bi na ɔbarima bi retu kwan fi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam kwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ berɛw, gyaw no too kwankyɛn kɔe.

31 “Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so nanso ɔman faa nkyɛn kɔe. 32 Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn.

33 “Ankyɛ biara na Samariani bi nso bepuee hɔ. Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo n’apirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa n’afurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. 35 Ade kyee no, ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no bɔ se, ‘Ɛka foforo biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abetua.’

36 “Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?”

37 Mmaranimfo no buae se, “Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.”

Marta ne Maria

38 Ɛbae sɛ Yesu ne n’asuafo rekɔ Yerusalem no, wɔkoduu akuraa bi ase. Woduu hɔ no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fi. 39 Marta nuabea bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.

40 Saa bere no, Marta a n’ani abere reyɛ aduan no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ enti ka kyerɛ Maria na ommeso me mu.”

41 Awurade buaa no se, “Marta, Marta, wudwinnwen haw wo ho wɔ nneɛma pii ho. 42 Ade baako pɛ na ehia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfi ne nsam.”