Add parallel Print Page Options

Dumien no soma

Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyiae maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahohommɔne na wɔde asa nyarewa nso. Afei ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa.

Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien. Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kosi sɛ mubefi kurow no mu.

”Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo nan ase mfuturu mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”

Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.

Herode pɛ sɛ ohu Yesu

Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ, na ebinom keka se Yohane Osuboni na wasɔre afi awufo mu, na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba.

Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti, ɔpɛe sɛ ohu no.

Yesu ma nnipa mpemnum aduan

10 Asomafo no fi wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11 Nnipakuw no huu nea Yesu ne n’asomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare.

12 Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ sare so.”

13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wobuaa no se, “Yɛwɔ abodoo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.” 14 Na nnipa bɛyɛ mpemnum na ahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” 15 Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no.

16 Afei Yesu faa abodoo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ soro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no.

17 Obiara didi mee. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien.

Petro kyerɛ onipa ko a Yesu yɛ

18 Da bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpae. Eyi akyi no, obisaa n’asuafo no se, “Nnipa ka se mene hena?”

19 Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Yohane Osuboni, ebinom nso ka se Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no baako na wasɔre afi awufo mu aba.”

20 Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.”

Yesu hyɛ ne wu ho nkɔm

21 Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nnkyerɛ obiara. 22 Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri yi wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”

23 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa n’asɛnnua na onni m’akyi. 24 Na obiara a ɔma n’ani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. 25 Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya?

26 “Na nea n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso da a me, Kristo, bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, m’ani bewu ne ho. 27 Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn Ahenni no.”

Yesu anuonyam da adi

28 Yesu kaa ne nsɛm yi wiei no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae. 29 Na Yesu gu so rebɔ mpae no, n’animdua sesae, na n’atade nso hyerɛnee. 30 Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae. 31 Saa nnipa baanu yi bepuee hɔ anuonyam mu kaa ne wu a obewu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no.

32 Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyannyanee a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ n’anuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33 Na ɛbae sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.

34 Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe. 35 Na ɛnne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!”

36 Kasa yi akyi no, wohui sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohui no ankyerɛ obiara.

Otwafo bi ayaresa

37 Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu. 38 Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛm se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no ba koro ma me; 39 sɛ hohommɔne ba ne so a, amonom ɔteɛm, otwa hwe, osinsen, n’ano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. 40 Na mesrɛɛ w’asuafo no sɛ wontu hohommɔne no, nanso wɔantumi.”

41 Yesu kae se, “O! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.”

42 Ɔde abofra no reba no, hohommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Nanso Yesu teɛteɛɛ hohommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa n’agya.

43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ hohommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn. Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, 44 “Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.” 45 Nea ɔkae yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Nea ɔyɛ kɛse Onyankopɔn anim

46 Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahenni mu no ho. 47 Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso, gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.” 49 Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahohommɔne enti yɛbraa no.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, efisɛ, nea ontia mo no na ɔwɔ mo afa.”

Samariafo bi po Yesu

51 Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ soro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkosiesie baabi mma no. 53 Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ, wohui sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54 Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi soro bɛhyew wɔn pasaa anaa?” 55 Yesu danee n’ani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56 na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase.

Kristo akyidi mu brɛ

57 Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.”

58 Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmirebuw, nanso Kristo no de, onni dabere.”

59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, “Bedi m’akyi.” Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie m’agya ansa.”

60 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.” 61 Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi w’akyi; nanso ma me kwan na me ne m’abusuafo nkodi nkra ansa.”

62 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a ɔbɛma n’adwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahenni on.”