Add parallel Print Page Options

Okunafo bi afɔrebɔ

21 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔre adaka no mu. Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu. Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware mu, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔe no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔe no nyihaa. Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”

Asɔredansɛe ho nkɔmhyɛ

Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔayɛ agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se,

“Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”

Nsɛm a ebesisi ansa na awiei no aba

Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ɛho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”

Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ, nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn nanso munnnye wɔn nnni! Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”

10 Ɔkae bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so. 11 Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm besi, ɔyaredɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.

12 “Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim. 13 Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse. 14 Nanso munnnwen nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15 efisɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.

16 ”Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi. 17 Na me nti, nnipa bɛtan mo. 18 Nanso mo tinhwi baako pɛ po renyera. 19 Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.

Yerusalem sɛe

20 “Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn. 21 Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfum no ntena hɔ ara. 22 Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu. 23 Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue! Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so. 24 Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnomum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwam.

Onipa Ba no ba a ɔbɛsan aba

25 “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so. 26 Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ berɛw na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so. 27 Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28 Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn efisɛ, na mo nkwagyebere abɛn.”

Akutu dua bi ho bɛ

29 Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ nnuaba ne nnua afoforo bi, 30 sɛ eyiyi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔbere adu. 31 Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a moka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.

32 “Merema moate ase sɛ, saa nsɛm yi nyinaa bɛba mu ansa na saa bere yi sofo awuwu. 33 Ɔsoro ne asase betwam nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.

Kɔkɔbɔ

34 ”Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwene nnni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befi mo aworaw. 35 Efisɛ, me ba a mɛba no befi nnipa a wɔte asase so nyinaa aworaw. 36 Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina m’anim.”

37 Da biara na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ ma nnipa pii sɔre anɔpahema kotie no. 38 Na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome.

The Widow’s Offering(A)

21 As Jesus looked up, he saw the rich putting their gifts into the temple treasury.(B) He also saw a poor widow put in two very small copper coins. “Truly I tell you,” he said, “this poor widow has put in more than all the others. All these people gave their gifts out of their wealth; but she out of her poverty put in all she had to live on.”(C)

The Destruction of the Temple and Signs of the End Times(D)(E)

Some of his disciples were remarking about how the temple was adorned with beautiful stones and with gifts dedicated to God. But Jesus said, “As for what you see here, the time will come when not one stone will be left on another;(F) every one of them will be thrown down.”

“Teacher,” they asked, “when will these things happen? And what will be the sign that they are about to take place?”

He replied: “Watch out that you are not deceived. For many will come in my name, claiming, ‘I am he,’ and, ‘The time is near.’ Do not follow them.(G) When you hear of wars and uprisings, do not be frightened. These things must happen first, but the end will not come right away.”

10 Then he said to them: “Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom.(H) 11 There will be great earthquakes, famines and pestilences in various places, and fearful events and great signs from heaven.(I)

12 “But before all this, they will seize you and persecute you. They will hand you over to synagogues and put you in prison, and you will be brought before kings and governors, and all on account of my name. 13 And so you will bear testimony to me.(J) 14 But make up your mind not to worry beforehand how you will defend yourselves.(K) 15 For I will give you(L) words and wisdom that none of your adversaries will be able to resist or contradict. 16 You will be betrayed even by parents, brothers and sisters, relatives and friends,(M) and they will put some of you to death. 17 Everyone will hate you because of me.(N) 18 But not a hair of your head will perish.(O) 19 Stand firm, and you will win life.(P)

20 “When you see Jerusalem being surrounded by armies,(Q) you will know that its desolation is near. 21 Then let those who are in Judea flee to the mountains, let those in the city get out, and let those in the country not enter the city.(R) 22 For this is the time of punishment(S) in fulfillment(T) of all that has been written. 23 How dreadful it will be in those days for pregnant women and nursing mothers! There will be great distress in the land and wrath against this people. 24 They will fall by the sword and will be taken as prisoners to all the nations. Jerusalem will be trampled(U) on by the Gentiles until the times of the Gentiles are fulfilled.

25 “There will be signs in the sun, moon and stars. On the earth, nations will be in anguish and perplexity at the roaring and tossing of the sea.(V) 26 People will faint from terror, apprehensive of what is coming on the world, for the heavenly bodies will be shaken.(W) 27 At that time they will see the Son of Man(X) coming in a cloud(Y) with power and great glory. 28 When these things begin to take place, stand up and lift up your heads, because your redemption is drawing near.”(Z)

29 He told them this parable: “Look at the fig tree and all the trees. 30 When they sprout leaves, you can see for yourselves and know that summer is near. 31 Even so, when you see these things happening, you know that the kingdom of God(AA) is near.

32 “Truly I tell you, this generation(AB) will certainly not pass away until all these things have happened. 33 Heaven and earth will pass away, but my words will never pass away.(AC)

34 “Be careful, or your hearts will be weighed down with carousing, drunkenness and the anxieties of life,(AD) and that day will close on you suddenly(AE) like a trap. 35 For it will come on all those who live on the face of the whole earth. 36 Be always on the watch, and pray(AF) that you may be able to escape all that is about to happen, and that you may be able to stand before the Son of Man.”

37 Each day Jesus was teaching at the temple,(AG) and each evening he went out(AH) to spend the night on the hill called the Mount of Olives,(AI) 38 and all the people came early in the morning to hear him at the temple.(AJ)